Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yesaia 32:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Wɔagya abankɛseɛ ato hɔ,+ na kuro no mu dede ayera. Ofel+ ne ɔwɛn aban bɛdane serɛ, na ɛbɛyɛ serɛ so mfunumu agodibea daa ne nnwan adidibea,

  • Yeremia 9:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Mɛma Yerusalem adane aboɔ kuo,+ sakraman tenabea,+ na mɛdane Yuda nkuro amamfõ a obi ntena mu.+

  • Kwadwom 1:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  4 Sion akwan redi awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ obi mma afahyɛ no ase.+

      N’aponkɛseɛ nyinaa adeda mpan;+ n’asɔfoɔ resi apini.+

      Awerɛhoɔ ahyɛ ne mmaabunu ma, na ɔno nso redi abooboo.+

  • Kwadwom 2:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  9 N’aponkɛseɛ+ amemem kɔ asase yam. Wasɛe ne mmeamu abubu mu.

      Ne hene ne ne mpanimfoɔ wɔ amanaman no mu.+ Mmara bi nni hɔ.+

      N’adiyifoɔ nso nnyaa anisoadehunu bi mfirii Yehowa hɔ.+

  • Mika 1:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 N’apirakuro nni sabea,+ ɛfiri sɛ abɛduru Yuda tɔnn;+ ne yareɛ abɛduru me man kuro pono ano pɛɛ, Yerusalem tɔnn.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane