16 Bio nso, Manase hwiee mogya a ɛdi bem bebree pa guiɛ+ kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem nyinaa mã, ɛfiri ano kɔsi ano, ɛsono bɔne a ɔyɛeɛ a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne Yehowa ani soɔ no.+
16 Nanso wɔkɔɔ so goroo+ nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+