17 Ɛno nti Yehowa ani nnye wɔn mmeranteɛ mpo ho,+ na ɔrenhu wɔn nnyanka ne wɔn akunafoɔ mpo mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaefoɔ+ ne nnebɔneyɛfoɔ, na obiara ano ka agyimisɛm. Deɛ akɔ soɔ nyinaa nti ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ, na watene ne nsa mu ara.+
6 Mɛsoma no akɔ awaefoɔ+ man so, na mɛhyɛ no akɔ nnipa a me bo afu wɔn+ hɔ akɔfa asadeɛ ne afomdeɛ pii, na ɔbɛtiatia ɔman no so sɛ abɔntenkwan so dɔteɛ.+
6 Na ogyimfoɔ de n’ano bɛka agyimisɛm+ na ɔde n’akoma asusu bɔne+ sɛ ɔbɛte atua*+ na waka nsɛmmɔne atia Yehowa, sɛ ɔbɛma ɔkra a ɛkɔm de no yafunu ada mpan+ na wama nsuo abɔ deɛ sukɔm de no.