1 Berɛsosɛm 16:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Anidie ne animuonyam wɔ n’anim;+Ahoɔden ne anigyeɛ wɔ ne tenabea.+ Dwom 29:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Yehowa nne mu wɔ ahoɔden;+Yehowa nne mu wɔ animuonyam.+ Dwom 104:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 104 O me kra, hyira Yehowa.+O Yehowa me Nyankopɔn, woyɛ kɛseɛ paa.+Anidie ne animuonyam na wofira.+ Dwom 145:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 W’animuonyam ne w’anidie a ɛhyerɛn+Ne w’anwanwadwuma ho nsɛm na mɛdwendwene ho.+