2 Berɛsosɛm 6:40 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 40 “Afei me Nyankopɔn, bue w’ani,+ na yɛ aso+ tie fie yi ho mpaeɛ a merebɔ yi. Dwom 17:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Mesu frɛ wo, ɛfiri sɛ wobɛgye me so, O me Nyankopɔn.+Yɛ aso ma me. Tie m’asɛm.+ Dwom 65:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 O mpaebɔ Tiefoɔ, wo nkyɛn na honam nyinaa bɛba.+ Dwom 71:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wo tenenee mu na yi me, na gye me.+Yɛ aso ma me na gye me nkwa.+ Dwom 130:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 O Yehowa, tie me nne.+Yɛ asõ tie me nkotɔsrɛ nne.+