15 Deɛ Ɔkorɔn na ɔyɛ Kokuroo,+ deɛ ɔte ase daa+ a ne din yɛ kronkron no,+ asɛm nie: “Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron;+ me ne deɛ wabubuo na ne honhom abrɛ aseɛ na ɛteɛ,+ sɛ mɛma abrɛfoɔ honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya ahoɔden.+
10 Ampa ara, Yehowa ne Onyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ+ ne daa Hene.+ N’abufuhyeɛ nti, asase bɛwoso,+ na ɔman biara nni hɔ a ɛbɛgyina n’abohuro ano.+
26 ahuntasɛm yi na afei wɔayi no adie,+ na wɔnam nkɔmhyɛsɛm a wɔatwerɛ so ayi no adi akyerɛ amanaman nyinaa, sɛdeɛ daa Onyankopɔn ahyɛdeɛ teɛ, na ama asoɔmmerɛ afa gyidie so aba;+