Hiob 23:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɔno deɛ, ɔnim kwan a menam soɔ.+Sɛ ɔsɔ me hwɛ wie a, me ho bɛfi sɛ sika.+ Mmebusɛm 17:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɔnanefoɔ kukuo wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika,+ na Yehowa na ɔhwehwɛ akoma mu.+ Malaki 3:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na ɔbɛtena ase sɛ deɛ ɔnane dwetɛ+ yiyi mu fĩ, na ɔbɛyi Lewifoɔ mu fĩ.+ Ɔbɛte wɔn ho sɛ sika kɔkɔɔ+ ne dwetɛ na wɔafata ama Yehowa sɛ nnipa a wɔde ayɛyɛdeɛ+ ba tenenee mu. Hebrifoɔ 12:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ampa, ntenesoɔ biara nni hɔ a seesei deɛ ɛyɛ anigyeɛ; mmom ɛyɛ awerɛhoɔ,+ nanso akyire yi ɛso asomdwoeɛ aba+ a ɛne tenenee+ ma wɔn a atete wɔn no.
3 Na ɔbɛtena ase sɛ deɛ ɔnane dwetɛ+ yiyi mu fĩ, na ɔbɛyi Lewifoɔ mu fĩ.+ Ɔbɛte wɔn ho sɛ sika kɔkɔɔ+ ne dwetɛ na wɔafata ama Yehowa sɛ nnipa a wɔde ayɛyɛdeɛ+ ba tenenee mu.
11 Ampa, ntenesoɔ biara nni hɔ a seesei deɛ ɛyɛ anigyeɛ; mmom ɛyɛ awerɛhoɔ,+ nanso akyire yi ɛso asomdwoeɛ aba+ a ɛne tenenee+ ma wɔn a atete wɔn no.