Deuteronomium 15:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma w’akoma anaa wo nsam nnyɛ den wo nua hiani no so.+ Dwom 41:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 41 Anigyeɛ ne deɛ ɔhu ɔbrɛfoɔ mmɔbɔ;+Yehowa bɛgye no ahohia da mu.+ Mmebusɛm 28:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Deɛ ɔma ohiani no, hwee renhia no,+ na deɛ ɔyi n’ani deɛ, ɔbɛnya nnome pii.+
7 “Sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma w’akoma anaa wo nsam nnyɛ den wo nua hiani no so.+