Yesaia 8:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Hwɛ! Me ne mmɔfra a Yehowa de wɔn ama me+ no nie. Asafo Yehowa a ɔte Bepɔ Sion+ soɔ no de yɛn ayɛ nsɛnkyerɛnne+ ne anwanwadeɛ wɔ Israel. Yesaia 24:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Bosome anim agu ase, na awia ani awu,+ ɛfiri sɛ asafo Yehowa di hene+ animuonyam+ mu wɔ Bepɔ Sion+ so ne Yerusalem wɔ ne mpanimfoɔ anim. Yoel 3:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Mobɛhunu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn+ a mete Sion, me bepɔ kronkron+ no so. Na Yerusalem bɛyɛ kronkronbea,+ na ananafoɔ rentwam mfa hɔ bio.+ Mika 4:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 “Sion babaa, sɔre poro;+ na mɛma wo mmɛn adane dadeɛ na wo nan adane kɔbere, na wobɛyam aman pii.+ Wobɛkora wɔn mfaso bɔne no so ama Yehowa+ na woahyira wɔn ahodeɛ so ama Awurade nokwafoɔ a ɔdi asase nyinaa soɔ no.”+
18 Hwɛ! Me ne mmɔfra a Yehowa de wɔn ama me+ no nie. Asafo Yehowa a ɔte Bepɔ Sion+ soɔ no de yɛn ayɛ nsɛnkyerɛnne+ ne anwanwadeɛ wɔ Israel.
23 Bosome anim agu ase, na awia ani awu,+ ɛfiri sɛ asafo Yehowa di hene+ animuonyam+ mu wɔ Bepɔ Sion+ so ne Yerusalem wɔ ne mpanimfoɔ anim.
17 Mobɛhunu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn+ a mete Sion, me bepɔ kronkron+ no so. Na Yerusalem bɛyɛ kronkronbea,+ na ananafoɔ rentwam mfa hɔ bio.+
13 “Sion babaa, sɔre poro;+ na mɛma wo mmɛn adane dadeɛ na wo nan adane kɔbere, na wobɛyam aman pii.+ Wobɛkora wɔn mfaso bɔne no so ama Yehowa+ na woahyira wɔn ahodeɛ so ama Awurade nokwafoɔ a ɔdi asase nyinaa soɔ no.”+