6 Hosea afe a ɛtɔ so nkron mu na Asiria hene dii Samaria so nkonim,+ na ɔde Israelfoɔ kɔɔ nkoasom mu+ wɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala+ ne Habor wɔ asubɔnten Gosan ho+ ne Mediafoɔ nkuro mu.+
8 na mmom wɔbɛka sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa a ɔyii Israel fie asefoɔ firii atifi fam asase so ne nsase a mebɔɔ wɔn hwetee soɔ nyinaa so baeɛ no te aseɛ yi,’ na wɔbɛtena wɔn ara asase so.”+
8 Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam+ asase so aba, na mɛboaboa wɔn ano afiri asase ano nohoa.+ Wɔn mu anifirafoɔ ne mmubuafoɔ ne apemfoɔ ne wɔn a awoɔ aka wɔn no, mɛboaboa wɔn nyinaa ano.+ Asafo kɛseɛ na wɔbɛsan aba ha.+