Mmebusɛm 21:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Ɔbɔnefoɔ atõtõ n’ani awe,+ na ɔteneneeni deɛ, ɔbɛma n’akwan atim daa.+ Yesaia 3:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Wɔn anim yɛbea bu wɔn fɔ,+ na wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom;+ wɔntumi mfa nsie. Wɔn kra nnue, ɛfiri sɛ wɔde mmusuo aba wɔn ara wɔn so.+ Yeremia 6:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Deɛ Yehowa aka nie: “Monkɔgyina akwan so na monhwɛ, na mommisa tete atempɔn no, deɛ seesei ɛkwan pa no wɔ,+ na momfa so,+ na monnya home mma mo kra.”+ Nanso wɔkaa sɛ: “Yɛremfa so.”+ Yeremia 44:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Nanso moantie,+ na moammrɛ mo aso ase ansan amfiri mo bɔne ho, na mokɔhyee afɔrebɔdeɛ maa anyame foforɔ.+
9 Wɔn anim yɛbea bu wɔn fɔ,+ na wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom;+ wɔntumi mfa nsie. Wɔn kra nnue, ɛfiri sɛ wɔde mmusuo aba wɔn ara wɔn so.+
16 Deɛ Yehowa aka nie: “Monkɔgyina akwan so na monhwɛ, na mommisa tete atempɔn no, deɛ seesei ɛkwan pa no wɔ,+ na momfa so,+ na monnya home mma mo kra.”+ Nanso wɔkaa sɛ: “Yɛremfa so.”+
5 Nanso moantie,+ na moammrɛ mo aso ase ansan amfiri mo bɔne ho, na mokɔhyee afɔrebɔdeɛ maa anyame foforɔ.+