9 Na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔagya Yehowa, wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn agyanom firii Egypt asase soɔ+ no ntira; wɔagya no hɔ akɔdi anyame foforɔ+ akyi na wɔakoto asɔre wɔn. Ɛno nti na Yehowa de amanehunu yi nyinaa aba wɔn soɔ no.’”+
18 Ɛnyɛ saa kwan yi ara na mo agyanom faa soɔ+ a yɛn Nyankopɔn de mmusuo+ yi nyinaa baa yɛne kuro yi soɔ? Nanso hwɛ, moda so ara regu homeda no ho fĩ+ ama abufuhyeɛ no adɔɔso Israel so.”
11 Israelfoɔ nyinaa abu wo mmara so; wɔamane, na wɔantie wo nne.+ Ɛno nti na nnome ne ntanka+ a wɔatwerɛ no nokorɛ Nyankopɔn akoa Mose mmara no mu no, woahwie agu yɛn soɔ no, ɛfiri sɛ yɛayɛ wo bɔne.