21 Yei maa Yehowa asɛm a ɔde hyɛɛ Yeremia anom no baa mu+ kɔsii sɛ asase no tuaa ne home nna ho ka wieeɛ.+ Nna dodoɔ a ɛyɛɛ amamfõ no, ɛhomee ara kɔsii sɛ mfeɛ aduɔson duruiɛ.+
11 Ɛnna mebisaa sɛ: “O Yehowa, ɛnkɔsi da bɛn?”+ Na ɔbuaa sɛ: “Ɛnkɔsi sɛ kuro yi bɛsɛe na adane amamfõ, na afie ada mpan a ɔdasani biara nni mu, na asase no asɛe koraa,+