Yesaia 13:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Wɔn agyan bɛtete mmeranteɛ mpo mu.+ Na wɔn yam renhyehye wɔn mma yafunu mu mma,+ na wɔn ani renhu mmɔfra mmɔbɔ. Yeremia 9:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɛfiri sɛ owuo afa yɛn mpomma mu aba yɛn abankɛseɛ mu sɛ ɛrebɛtwa mmɔfra afiri mmorɔno so na atwa mmeranteɛ afiri mmɔnten so.’+ Yeremia 49:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 “Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ ne mmɔnten so, na mmarima a wɔkɔ ɔsa nyinaa bɛyɛ dinn ɛda no,”+ asafo Yehowa asɛm nie. Yeremia 51:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Momma wɔntotɔ wɔ Kaldeafoɔ+ asase so na monhwire wɔn mu, ne mmɔnten so.+
18 Wɔn agyan bɛtete mmeranteɛ mpo mu.+ Na wɔn yam renhyehye wɔn mma yafunu mu mma,+ na wɔn ani renhu mmɔfra mmɔbɔ.
21 Ɛfiri sɛ owuo afa yɛn mpomma mu aba yɛn abankɛseɛ mu sɛ ɛrebɛtwa mmɔfra afiri mmorɔno so na atwa mmeranteɛ afiri mmɔnten so.’+
26 “Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ ne mmɔnten so, na mmarima a wɔkɔ ɔsa nyinaa bɛyɛ dinn ɛda no,”+ asafo Yehowa asɛm nie.