26 Ɔfaa Nebat ba Yeroboam kwan+ nyinaa ne bɔne a ɔyɛeɛ a ɛnam so maa Israel nso yɛɛ bɔne no so, bɔne a wɔyɛeɛ de wɔn abosonhuhuo no hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuo+ no.
15 wɔpoo n’ahyɛdeɛ ne apam+ a ɔne wɔn agyanom yɛeɛ ne ne nkaesɛm+ a ɔde bɔɔ wɔn kɔkɔ no, na wɔkɔdii abosonhuhuo+ akyi, na wɔn nso bɛyɛɛ ahuhufoɔ,+ na wɔde suasuaa amanaman a atwa wɔn ho ahyia a Yehowa hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn+ no nyinaa.
15 kaa sɛ: “Mmarima, adɛn nti na moreyɛ yeinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa+ a yɛwɔ mmerɛyɛ+ te sɛ mo ara, na yɛreka asɛmpa akyerɛ mo na ama moadane mo ho afiri nneɛma hunu+ yi ho aba Onyankopɔn teasefoɔ+ a ɔyɛɛ ɔsoro+ ne asase ne po ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no nkyɛn.