18 Ma m’ataafoɔ ani nwu,+ na me deɛ, mma m’ani nnwu.+ Wɔn na ma ehu nka wɔn, na me deɛ, mma ehu nnka me. Ma mmusuo da+ no mmra wɔn so, na fa ɔsɛeɛ mmɔho sɛe wɔn.+
11 Nanso Yehowa gyina m’akyi+ sɛ ɔdɔmmarima a ne ho yɛ hu.+ Ɛno nti na m’ataafoɔ bɛsunti na wɔrennyina no.+ Wɔn ani bɛwu paa, ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie. Wɔn aniwuo no rentwam da, na werɛ remfiri da.+