Dwom 80:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 O asafo Yehowa Nyankopɔn, wo man mpaebɔ bɛyɛ wo abufu akɔsi da bɛn?+ Mmebusɛm 15:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Yehowa ne amumuyɔfoɔ ntam kwan ware,+ na ateneneefoɔ mpaebɔ deɛ, ɔtie.+ Mmebusɛm 28:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Deɛ ɔyi n’asõ firi mmara tie ho+ no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.+ Yesaia 1:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Sɛ motrɛ mo nsam a,+ meyi m’ani hunta mo.+ Mo mpaeɛ dodoɔ+ no nyinaa mentie,+ ɛfiri sɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.+ Yeremia 14:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Mmɔ mpaeɛ nsrɛ adepa mma ɔman yi.+ Mika 3:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Saa berɛ no wɔbɛsu afrɛ Yehowa nanso ɔremmua wɔn.+ Ɔde n’anim bɛhunta wɔn saa berɛ no,+ wɔn nneyɛɛ bɔne nti.+ Sakaria 7:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 “‘Na ɛsiane sɛ mefrɛeɛ na wɔantie+ nti, wɔn nso wɔbɛfrɛ na merentie,’+ asafo Yehowa asɛm nie.
15 Sɛ motrɛ mo nsam a,+ meyi m’ani hunta mo.+ Mo mpaeɛ dodoɔ+ no nyinaa mentie,+ ɛfiri sɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.+
4 Saa berɛ no wɔbɛsu afrɛ Yehowa nanso ɔremmua wɔn.+ Ɔde n’anim bɛhunta wɔn saa berɛ no,+ wɔn nneyɛɛ bɔne nti.+