11 “Ɛsiane sɛ Yuda hene Manase+ ayɛ akyiwadeɛ+ yi nti, wayɛ bɔne kyɛn deɛ Amorifoɔ+ a wɔdii n’anim no yɛeɛ nyinaa, na ɔde n’abosom fĩ no ama Yuda nso ayɛ bɔne.+
24 Afei nso adebisafoɔ+ ne asumanfoɔ+ ne terafim honi+ ne abosom fĩ+ ne atantanneɛ+ a abɛpue Yuda asase soɔ ne Yerusalem no, Yosia tuu aseɛ na ama no adi mmara+ no mu nsɛm so, deɛ wɔatwerɛ no nwoma+ a ɔsɔfoɔ Hilkia kɔhunuu no Yehowa fie hɔ+ mu no.