23 kɔsii sɛ Yehowa too Israel firii n’anim tweneeɛ+ sɛdeɛ ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa so kaeɛ no.+ Enti Israel firii wɔn asase so kɔɔ nkoasom mu wɔ Asiria de bɛsi nnɛ.+
26 Enti Israel Nyankopɔn hwanyanee Asiria+ hene Pul,+ kyerɛ sɛ, ɔhwanyanee Asiria hene Tilgat-Pilneser+ honhom,+ maa no faa Ruben ne Gad asefoɔ, ne Manase abusuakuo no fã kɔɔ nkoasom+ mu wɔ Hala+ ne Habor ne Hara ne Gosan asuo ho de bɛsi nnɛ.