Deuteronomium 32:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Yehowa hunuu saa no, wɔn ho yɛɛ no nwunu,+Ɛfiri sɛ ne mma mmarima ne ne mma mmaa huruu ne bo. Dwom 78:59 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 59 Enti Onyankopɔn teeɛ,+ na ne bo fuu kɛse,+Na Israel ho yɛɛ no aniwu koraa.+ Dwom 106:40 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 40 Ɛnna Yehowa abufuo dɛre tiaa ne man,+Na n’agyapadeɛ no bɛyɛɛ akyiwadeɛ maa no.+ Yeremia 6:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 O Yerusalem, ma wɔntene wo so,+ na anyɛ me kra tan amma mantwe me ho amfiri wo ho,+ na manyɛ wo amamfõ, asase a obiara nte soɔ.”+ Yeremia 12:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 M’agyapadeɛ adane me sɛ gyata wɔ kwaeɛ mu. Wama ne nne so atia me. Ɛno nti na metan no no.+
8 O Yerusalem, ma wɔntene wo so,+ na anyɛ me kra tan amma mantwe me ho amfiri wo ho,+ na manyɛ wo amamfõ, asase a obiara nte soɔ.”+