16 Bio nso, Manase hwiee mogya a ɛdi bem bebree pa guiɛ+ kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem nyinaa mã, ɛfiri ano kɔsi ano, ɛsono bɔne a ɔyɛeɛ a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne Yehowa ani soɔ no.+
3 Mo na moawe me nkurɔfoɔ nam,+ na moaworɔ wɔn ho wedeɛ abubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no asinasini sɛ nnompe a wɔde agu kukuo mu ne nam a ɛgu kwansɛn mu.+
5 na wɔn a wɔtɔ wɔn no ku+ wɔn, nanso wɔfa wɔn ho di.+ Na wɔn a wɔtɔn+ wɔn no ka sɛ: “Nhyira nka Yehowa, ɛfiri sɛ mɛnya me ho.”+ Na wɔn ahwɛfoɔ nhu wɔn mmɔbɔ.’+