Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Leviticus 18:25
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 Enti asase no so agu fĩ, na mede ne bɔne ho asotwe bɛba ne so, na ɛbɛfe ɛso nnipa agu.+

  • Dwom 106:38
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 38 Enti wɔhwiee mogya a ɛdi bem guiɛ;+

      Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa mogya

      Bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaanfoɔ ahoni,+

      Na mogyahwieguo maa asase no ho guu fĩ.+

  • Yesaia 24:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Asase no sotefoɔ ama ho agu fĩ.+ Wɔakwati mmara no,+ wɔasesa ahyɛdeɛ no,+ na wɔabu daa apam no so.+

  • Yeremia 2:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 “Meyɛɛ mo nkakrankakra de mo baa turo asase so sɛ mommɛdi ɛso aba ne emu nnepa.+ Nanso moba bɛguu m’asase ho fĩ; m’agyapadeɛ no, modanee no akyiwadeɛ.+

  • Yeremia 3:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Wɔka sɛ: “Sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere, na ɔbaa no firi ne nkyɛn kɔyɛ ɔbarima foforɔ yere a, ɔbarima no bɛtumi akɔ ne nkyɛn bio anaa?”+

      Ɛnyɛ efĩ+ na wɔde aka asase no anaa?

      “Nanso wo deɛ, wo ne adɔfoɔ pii na abɔ adwaman;+ wobɛtumi asan aba me nkyɛn bio?”+ Yehowa asɛm nie.

  • Yeremia 16:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 M’asase a wɔagu ho fĩ no nti,+ mɛdi kan atua wɔn bɔne+ ne wɔn amumuyɔ nyinaa so ka. Wɔde wɔn atantanneɛ ne akyiwadeɛ afunu ahyɛ m’agyapadeɛ ma.’”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane