17 Saa berɛ no, wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ Yehowa ahennwa,+ na ɛhɔ na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano abɛhyia+ ama Yehowa din wɔ Yerusalem,+ na wɔrenni wɔn atuateɛ akoma bɔne no akyi bio.”+
26 Ná biribi te sɛ hoaboɔ+ wɔ soro wɔ bamma a ɛwɔ wɔn soɔ no so, biribi a ɛsɛ ahennwa.+ Na obi a ɔte sɛ ɔdasani te adeɛ a ayɛ sɛ ahennwa no so+ wɔ soro.