6 Monni so ɛfiri sɛ ɛno na ɛbɛma moahunu nyansa+ na moanya nhunumu+ wɔ aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ, ‘Ɔman kɛseɛ yi nim nyansa na wɔwɔ nhunumu ampa.’+
23 Na ɔman baako bɛn na ɛwɔ asase so a ɛte sɛ wo man Israel+ a Onyankopɔn gyee wɔn faa sɛ ɔman?+ Ɔman bɛn na wonam wɔn so ayɛ anwanwadwuma+ akɛseɛ de anya din?+ Ɛnyɛ wo man a wogyee+ wɔn firii Egypt, a wɔn nti wopamoo amanaman no ne wɔn anyame no?