5 Nkoto wɔn na nsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me+ no. Na agyanom a wɔtan me deɛ, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom mpo so;+
9 Nkoto wɔn na nsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me no.+ Na agyanom a wɔtan me deɛ, mede wɔn bɔne ho asotwe ba wɔn mma ne wɔn mmanana ne wɔn nanankansowanom mpo so;+
26 Ne nyinaa akyi no, Yehowa annane amfiri n’abufuhyeɛ kɛseɛ no ho, abufuhyeɛ a ɛdɛree Yuda soɔ,+ Manase nneɛma bɔne a ɔyɛeɛ de hyɛɛ no abufuo+ no nti.