Exodus 20:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 “Kae homeda no na yɛ no kronkron,+ Leviticus 23:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 “‘Momfa nnansia nyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no yɛ homeda a ɛsɛ sɛ mohome koraa;+ ɛyɛ nhyiamu kronkron. Monnyɛ adwuma biara. Baabiara a mobɛtena no, monkae sɛ ɛyɛ homeda ma Yehowa.+ Leviticus 23:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 “Ma Israelfoɔ aso nte sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson+ no da a ɛdi kan no, monhome koraa. Ɛyɛ nhyiamu kronkron+ a wɔbɛhyɛne totorobɛnto+ de akae. Leviticus 23:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Ɛyɛ homeda a mobɛhome koraa,+ na bosome no da a ɛtɔ so nkron anwummerɛ no, mo kra nni awerɛhoɔ.+ Monni homeda no mfiri anwummerɛ nkɔsi anwummerɛ.” Leviticus 25:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Nanso afe a ɛtɔ so nson no, monnya asase no na ɛnhome koraa;+ ɛyɛ ahomegyeɛ berɛ ma Yehowa. Monnnua aba biara, na monnsiesie mo bobeturo nso. Leviticus 25:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Afe a ɛtɔ so aduonum no bɛyɛ mo Ahofadie afe.+ Monnnua aba biara, na monntwa aba a ɛno ara fifii asase no soɔ anaa bobe a wɔansiesie ho a asoɔ no.+ Deuteronomium 5:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “‘Di homeda na yɛ no kronkron sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛ woɔ no.+ Nehemia 9:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Womaa wɔhunuu wo homeda+ kronkron ne ahyɛdeɛ ne akwankyerɛ, na wonam w’akoa Mose so maa wɔn mmara.+
3 “‘Momfa nnansia nyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no yɛ homeda a ɛsɛ sɛ mohome koraa;+ ɛyɛ nhyiamu kronkron. Monnyɛ adwuma biara. Baabiara a mobɛtena no, monkae sɛ ɛyɛ homeda ma Yehowa.+
24 “Ma Israelfoɔ aso nte sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson+ no da a ɛdi kan no, monhome koraa. Ɛyɛ nhyiamu kronkron+ a wɔbɛhyɛne totorobɛnto+ de akae.
32 Ɛyɛ homeda a mobɛhome koraa,+ na bosome no da a ɛtɔ so nkron anwummerɛ no, mo kra nni awerɛhoɔ.+ Monni homeda no mfiri anwummerɛ nkɔsi anwummerɛ.”
4 Nanso afe a ɛtɔ so nson no, monnya asase no na ɛnhome koraa;+ ɛyɛ ahomegyeɛ berɛ ma Yehowa. Monnnua aba biara, na monnsiesie mo bobeturo nso.
11 Afe a ɛtɔ so aduonum no bɛyɛ mo Ahofadie afe.+ Monnnua aba biara, na monntwa aba a ɛno ara fifii asase no soɔ anaa bobe a wɔansiesie ho a asoɔ no.+
14 Womaa wɔhunuu wo homeda+ kronkron ne ahyɛdeɛ ne akwankyerɛ, na wonam w’akoa Mose so maa wɔn mmara.+