9 Ma no nyɛ sɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyekyere wo nsa ne nkaeɛ adeɛ a ɛwɔ wo moma soɔ+ na ama Yehowa mmara aka w’anom,+ ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na Yehowa de yii wo firii Egypt.+
13 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Me homeda no deɛ, monhwɛ sɛ mobɛdie,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ntam, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɛno na ɛbɛma moahunu sɛ me Yehowa na mate mo ho.+
2 Momfa nnansia nyɛ adwuma,+ na da a ɛtɔ so nson no deɛ, ɛyɛ da kronkron ma mo, ɛyɛ homeda ma Yehowa, monhome koraa. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa da no, wɔbɛku no.+