4 Ɔgye firii wɔn hɔ na ɔnane de adwinnadeɛ yɛɛ+ no nantwie ba honi a wɔaguo.+ Afei wɔkaa sɛ: “Israel man, mo Nyankopɔn nie. Ɔno na ɔdii mo anim firii Egypt asase soɔ.”+
39 ‘Na sɛ mohunu atadeɛ no ano mmɛsã no a, ɛbɛkae mo Yehowa ahyɛdeɛ nyinaa+ na moadi so, na moanni mo akoma ne mo aniwa akyi+ sɛdeɛ modi akyire bɔ adwaman+ no.
4 Afei wo ne wɔn nkasa na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Sɛ obi a ɔfiri Israel fie de n’abosom fĩ+ hyɛ n’akomam na ɔde suntidua si n’anim na ɔba odiyifoɔ nkyɛn a, me Yehowa, mɛbua no sɛdeɛ n’abosom fĩ dodoɔ teɛ,+
42 Enti Onyankopɔn danee ne ho na ɔgyaa wɔn+ maa wɔsom ɔsoro asafo, sɛdeɛ wɔatwerɛ no adiyifoɔ no nwoma mu no sɛ,+ ‘O Israel fie, ɛyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me serɛ so mfeɛ aduanan no anaa?+