8 “Mɛyɛ dɛn apo woɔ, Efraim?+ Mɛyɛ dɛn ayi wo ama, Israel?+ Mɛyɛ dɛn abu wo sɛ Adma?+ Mɛyɛ dɛn ayɛ wo sɛ Seboiim?+ M’akoma adane wɔ me mu,+ na me yam hyehye me sɛ gya.
2 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som,+ na ɔyɛ ɔweredifoɔ; Yehowa tua bɔne so ka+ na abufuo ahyɛ no mã.+ Yehowa tua wɔn a wɔne no di asie ka na n’ani sã n’atamfo.+