Genesis 21:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Berɛ a Isak nyaa nnawɔtwe no, Abraham twaa no twetia sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no.+ Leviticus 12:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Da a ɛtɔ so nwɔtwe no wɔntwa abɔfra no twetia.+ Luka 2:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Afei nnawɔtwe+ duruiɛ sɛ wɔtwa no twetia+ no, wɔtoo ne din nso sɛ Yesu,+ edin a ɔbɔfoɔ no bɔeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no yafunu mu no.+
21 Afei nnawɔtwe+ duruiɛ sɛ wɔtwa no twetia+ no, wɔtoo ne din nso sɛ Yesu,+ edin a ɔbɔfoɔ no bɔeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no yafunu mu no.+