19 Na Mose faa Yosef nnompe kaa ne ho, ɛfiri sɛ na wama Israelfoɔ no aka ntam, na ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn bɛdane n’ani aba mo so.+ Na monhwɛ sɛ mode me nnompe bɛka mo ho afiri ha akɔ.”+
32 Afei wɔsiee Yosef nnompe+ a Israelfoɔ de firi Egypt baeɛ no wɔ Sekem, asase a Yakob tɔ firii Sekem papa Hamor mma nkyɛn+ nnwetɛbena+ ɔha no so, na ɛbɛyɛɛ Yosef mma agyapadeɛ.+