7 Afei Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Abram na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mede asase+ yi bɛma w’asefoɔ.”+ Ɛno akyi no ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Yehowa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no no.
7 “Na mɛma apam a me ne wo+ ne w’aseni* ayɛ no atena hɔ sɛ daa apam+ de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba nyinaa so, na mɛyɛ Onyankopɔn ama wo ne w’aseni.+