Deuteronomium
8 “Monhwɛ nni mmara nsɛm a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so+ na moatena nkwa mu,+ na mo ase atrɛ, na moakɔfa asase a Yehowa kaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no.+ 2 Na kae kwan a Yehowa wo Nyankopɔn maa wofaa so wɔ serɛ so mfeɛ aduanan+ yi nyinaa sɛdeɛ wobɛbrɛ wo ho aseɛ.+ Ɔsɔɔ wo hwɛeɛ+ na wahunu deɛ ɛwɔ w’akomam,+ sɛ wobɛdi ne mmara so anaa worenni soɔ. 3 Enti ɔmaa ɛkɔm dee wo de kyerɛɛ wo ahobrɛaseɛ.+ Afei ɔmaa wo mana+ a wo ne w’agyanom biara nhunuu bi da diiɛ na woahunu sɛ ɛnyɛ paanoo nko ara so na onipa nam bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara a ɛfiri Yehowa anom so.+ 4 Na mfeɛ aduanan yi nyinaa wo ntadeɛ ansu na wo nan ase antaatae.+ 5 Na wonim w’akomam sɛ Yehowa tenee wo so sɛdeɛ agya tene ne ba soɔ.+
6 “Di Yehowa wo Nyankopɔn mmara so na fa n’akwan so,+ na suro no.+ 7 Yehowa wo Nyankopɔn de wo rekɔ asase pa+ a nsubɔnten wɔ soɔ so, asase a nsuwansuwa ne atadeɛ a ɛfiri abɔn+ ne mmepɔ mu sene wɔ soɔ. 8 Ɛyɛ asase a ayuo, atokoɔ, bobe, borɔdɔma, granate akutuo,*+ ngodua, ne ɛwoɔ+ wɔ soɔ. 9 Worenni aduankɔm asase no so, na hwee renhia wo wɔ hɔ. Asase no so aboɔ yɛ dadeɛ, na wobɛtu kɔbere afiri ne mmepɔ mu.
10 “Sɛ wodidi mee a,+ hyira+ Yehowa wo Nyankopɔn sɛ wama wo asase pa.+ 11 Hwɛ yie na wo werɛ amfiri+ Yehowa wo Nyankopɔn na woannane w’akyi ankyerɛ n’ahyɛdeɛ ne n’atemmusɛm ne ne mmara a merehyɛ wo nnɛ yi.+ 12 Anyɛ saa na wodidi mee sisi adan pa tena mu,+ 13 na wonya anantwie ne nnwan ne dwetɛ ne sika ne agyapadeɛ pii a, 14 w’akoma bɛhoran+ na wo werɛ afiri Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii Egypt nkoafie no.+ 15 Ɔno na ɔde wo faa serɛ a ɛso yɛ hu soɔ,+ ɛserɛ a awɔ a wɔn ano wɔ borɔ+ ne nyanyankyerɛ wɔ soɔ, asase kesee a nsuo nni soɔ; na ɔmaa nsuo firi abohemmaa mu ba maa wo.+ 16 Ɔno na ɔmaa wo mana+ a w’agyanom nhunuu bi da dii ɛserɛ soɔ na ama woabrɛ wo ho ase;+ ɔde sɔɔ wo hwɛeɛ na awie wo yie.+ 17 Anhwɛ a wobɛka no w’akomam sɛ, ‘Me tumi ne m’ahoɔden na ama manya me ho.’+ 18 Nanso kae Yehowa wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔmaa wo tumi a wode anya wo ho no.+ Ɔyɛɛ yei ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔdi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.+
19 “Na sɛ moma mo werɛ firi Yehowa mo Nyankopɔn na mokɔdi anyame foforɔ akyi na mokoto som wɔn a, ɛnneɛ medi mo adanseɛ nnɛ sɛ mobɛsɛe koraa.+ 20 Mobɛsɛe sɛ aman a Yehowa sɛee wɔn firii mo anim no, ɛfiri sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn.+