1 Samuel
30 Berɛ a Dawid ne ne mmarima no reba Siklag,+ da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Amalekfoɔ+ bɛfom anafoɔ fam ne Siklag, na wɔbɔɔ Siklag de gya hyeeɛ, 2 na wɔfaa mmaa+ ne biribiara a ɛwɔ hɔ nnommum, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so. Wɔankum obiara, na mmom wɔtwee wɔn sii kwan so kɔeɛ. 3 Berɛ a Dawid ne ne mmarima no baa kuro no mu no, hwɛ, na wɔde gya ahye, na wɔn yerenom ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa nso, wɔafa wɔn nnommum kɔ. 4 Ɛnna Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no maa wɔn nne so suiɛ+ kɔsii sɛ wɔannya ahoɔden ansũ bio. 5 Dawid yerenom mmienu no, Yesreelni Ahinoam+ ne Abigail,+ Karmelni Nabal yere no nso, na wɔafa wɔn nnommum kɔ. 6 Dawid ho hiahiaa+ no papaapa ɛfiri sɛ nnipa no kaa sɛ wɔbɛsi no aboɔ;+ wɔn nyinaa bo fuiɛ,+ wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa no nti. Na Dawid hyɛɛ ne ho den Yehowa, ne Nyankopɔn mu.+
7 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek ba ɔsɔfoɔ Abiatar+ sɛ: “Mesrɛ wo, fa asɔfotadeɛ+ no bra me nkyɛn.” Na Abiatar de asɔfotadeɛ no baa Dawid nkyɛn. 8 Na Dawid bisaa Yehowa+ sɛ: “Mentĩ afomfoɔ yi anaa? Mɛto wɔn?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ:+ “Tĩ wɔn, na wobɛto wɔn, na gyeɛ nso, wobɛgye.”+
9 Ɛhɔ ara na Dawid sii kwan soɔ, ɔne mmarima ahansia+ a wɔka ne ho no, na wɔkɔeɛ ara kɔduruu Besor subɔn no ho, na mmarima a wɔantumi antoa soɔ no gyinaeɛ. 10 Na Dawid ne mmarima ahanan toaa so tĩĩ+ wɔn, na mmarima ahanu a wɔabrɛ a wɔantumi antwa Besor subɔn+ no gyinaeɛ.
11 Na wɔhunuu Egyptni+ barima bi wɔ wuram hɔ. Enti wɔfaa no kɔmaa Dawid, na wɔmaa no paanoo diiɛ, na wɔmaa no nsuo nomeeɛ. 12 Wɔsan maa no borɔdɔma a wɔabɔ no toa ne bobe taterɛ+ mmienu. Na ɔdiiɛ, na ne honhom+ san baa ne mu, ɛfiri sɛ na ɔnnidii na ɔnnom nsuo nnansa, awia ne anadwo. 13 Ɛnna Dawid bisaa no sɛ: “Hwan nipa ne wo, na ɛhe na wofire?” Na ɔbuaa sɛ: “Meyɛ akoa a mefiri Egypt, Amalekni bi akoa ne me, nanso me wura agya me ha ɛfiri sɛ nnansa nie na meyareeɛ.+ 14 Yɛn na yɛkɔfom Keretifoɔ+ anafoɔ fam ne Yuda asase ne Kaleb+ anafoɔ de gya hyee Siklag no.” 15 Ɛnna Dawid bisaa no sɛ: “Wobɛdi m’anim de me akɔ afomfoɔ no nkyɛn?” Na ɔkaa sɛ: “Ka me ntam+ Onyankopɔn din mu sɛ worenku me, na worenyi me nhyɛ me wura nsa,+ na mɛdi w’anim akɔ afomfoɔ no nkyɛn.”
16 Ɛnna ɔde no siane kɔeɛ,+ na asadeɛ pii a nkurɔfoɔ no akɔfa afiri Filistifoɔ asase soɔ ne Yuda asase soɔ no nyinaa nti,+ ná wɔato pono sensam fam hɔ nyinaa redidi nom na wɔregye wɔn ani.+ 17 Na Dawid kunkum wɔn firi anɔpahema kɔsii anwummerɛ, na ɔsɛee wɔn; wɔn mu baako mpo anka,+ gye mmeranteɛ ahanan na wɔtenatenaa yoma so dwaneeɛ. 18 Na Dawid gyee deɛ Amalekfoɔ no faeɛ+ nyinaa; Dawid yerenom mmienu no nso, ɔgyee wɔn. 19 Wɔn nsa kaa wɔn biribiara, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so, wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa ne asadeɛ no ne nneɛma a wɔfaeɛ no nyinaa.+ Dawid gyee biribiara. 20 Enti Dawid faa wɔn nnwan ne wɔn anantwie nyinaa, na wɔde wɔn dii wɔn mmoa no anim baeɛ. Ɛnna wɔkaa sɛ: “Dawid asadeɛ nie.”+
21 Dawid bɛduruu mmarima ahanu+ a na wɔabrɛ a wɔantumi ne Dawid ankɔ a wɔmaa wɔtenaa Besor subɔn ho no nkyɛn, na wɔfirii adi sɛ wɔrebɛhyia Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no. Berɛ a Dawid bɛn wɔn no, ɔbisaa wɔn sɛdeɛ wɔn ho teɛ. 22 Nanso mmarima a wɔne Dawid kɔeɛ no mu nnipa bɔne ne ahuhufoɔ+ no kaa sɛ: “Wɔne yɛn ankɔ nti yɛremma wɔn asadeɛ a yɛakɔgyeɛ no bi, gye obiara yere ne ne mma na yɛde wɔn bɛma wɔn ama wɔadi wɔn anim akorɔ.” 23 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “Me nuanom, monnyɛ deɛ Yehowa de ama yɛn+ no saa, ɛfiri sɛ wabɔ yɛn ho ban+ de afomfoɔ a wɔbaa yɛn soɔ no ahyɛ yɛn nsa.+ 24 Hwan na ɔne mo bɛyɛ adwene asɛm yi ho? Sɛdeɛ wɔn a wɔkɔɔ ɔsa no bie kyɛfa teɛ no, saa na wɔn a wɔtenaa nneɛma ho+ no nso kyɛfa bɛyɛ. Obiara bɛnya bi.”+ 25 Ɛfiri saa da no, ɔde yɛɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ+ wɔ Israel de bɛsi nnɛ.
26 Berɛ a Dawid bɛduruu Siklag no, ɔde asadeɛ no bi kɔmaa Yuda mpanimfoɔ a wɔyɛ ne nnamfonom+ no sɛ: “Hwɛ, Yehowa atamfo mu asadeɛ a wɔde rebɛkyɛ+ mo nie.” 27 Ɔde bi kɔmaa wɔn a wɔwɔ Betel,+ ne wɔn a wɔwɔ Ramot+ a ɛwɔ anafoɔ fam, ne wɔn a wɔwɔ Yatir,+ 28 ne wɔn a wɔwɔ Aroer, ne wɔn a wɔwɔ Sifmot, ne wɔn a wɔwɔ Estemoa,+ 29 ne wɔn a wɔwɔ Rakal, ne wɔn a wɔwɔ Yerameelfoɔ+ nkuro mu, ne wɔn a wɔwɔ Kenifoɔ+ nkuro mu, 30 ne wɔn a wɔwɔ Horma,+ ne wɔn a wɔwɔ Borasan,+ ne wɔn a wɔwɔ Atak, 31 ne wɔn a wɔwɔ Hebron,+ ne wɔn a wɔwɔ mmeammea a Dawid ne ne mmarima no kyinkyinii hɔ no nyinaa.