15 Ɛnna ɔsan n’akyi kɔɔ nokorɛ Nyankopɔn nipa no nkyɛn,+ ɔne n’asafo a wɔka ne ho nyinaa, na ɔbɛgyinaa n’anim kaa sɛ: “Afei na mahunu ampa sɛ Onyankopɔn biara nni asase so baabiara sɛ Israel.+ Enti mesrɛ wo, gye akyɛdeɛ+ yi w’akoa nsam.”
35 Mada no adi akyerɛ mo adeɛ nyinaa mu sɛ ɛtwa sɛ moyɛ adwumaden+ saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ+ no, na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu no ara kaeɛ no sɛ, ‘Ɔma+ mu wɔ anigyeɛ pii sene ɔgyeɛ.’”