Yesaia
48 Montie, Yakob fie, mo a mode Israel+ din ato mo so na mofiri Yuda+ asutire mu, mo a mode Yehowa din ka ntam+ na mobɔ Israel Nyankopɔn din,+ nanso ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu.+ 2 Wɔka sɛ wɔfiri kuro kronkron mu,+ na wɔde wɔn ho atwere Israel Nyankopɔn+ a ne din de asafo Yehowa no.+
3 “Kane nneɛma no, mekaeɛ akyɛ. Ɛpue firii m’anom, na memaa wɔteeɛ.+ Mekanyan me ho ara pɛ na nneɛma no baeɛ.+ 4 Menim sɛ woyɛ den+ na wo kɔn yɛ dadeɛ ntini,+ na wo moma yɛ kɔbere,+ 5 enti meka kyerɛɛ woɔ akyɛ. Ɛnnya mmaeɛ no, memaa woteeɛ,+ na woanka sɛ, ‘Me ara me bosom na ayɛ, me honi a wɔasene ne me honi a wɔaguo na ɛmaa no baeɛ.’+ 6 Moate;+ na monhwɛ ne nyinaa.+ Afei morenka ho asɛm anaa?+ Seesei mama moate nsɛm foforɔ, nsɛm a wɔde asie a monnim ho hwee.+ 7 Afei na wɔabɔ, na ɛmfiri tete; ɛyɛ biribi a wontee da bɛsi nnɛ, na woanka sɛ, ‘Hwɛ, menim dada.’+
8 “Ampa, wonteeɛ,+ na wonnim, na ɛfiri tete w’aso mmueeɛ. Menim sɛ nkontomposɛm+ ara na wodie, na wɔfrɛ wo ‘mmaratofoɔ firi yafunu mu.’+ 9 Me din nti, mɛka m’abufuo ahyɛ,+ na m’ayeyie nti, mɛhyɛ me ho so na mantwa wo antwene.+ 10 Hwɛ, manane wo, nanso ɛnyɛ sɛ dwetɛ.+ Mayi wo afiri ahohia fononoo mu.+ 11 Me din nti, me din nti na mɛyɛ.+ Adɛn nti na memma wɔngu me din ho fĩ?+ Meremfa m’animuonyam mma obiara.+
12 “O Yakob, Israel a mafrɛ woɔ, tie me. Mete sɛdeɛ meteɛ.+ Mene odikanfoɔ,+ na me ara nso mene okyikafoɔ.+ 13 Afei nso me ara me nsa na ɛtoo asase no fapem,+ na mede me nsa nifa na ɛtrɛɛ ɔsoro mu.+ Merefrɛ wɔn ama wɔn nyinaa abɛgyina hɔ.+
14 “Mo nyinaa mommoaboa mo ho ano ntie.+ Wɔn mu hwan na aka yeinom? Yehowa no ara dɔ no.+ Deɛ ɛsɔ n’ani na ɔbɛyɛ Babilon,+ na ne basa bɛba Kaldeafoɔ so.+ 15 Me, me ara na maka. Mafrɛ no;+ mede no aba, na ne kwan bɛsi no yie.+
16 “Montwe mmɛn me, na montie yei. Ɛfiri mfitiaseɛ nyinaa manka biribiara wɔ ahuntaeɛ mu.+ Berɛ a ɛfirii aseɛ baeɛ no, na mewɔ hɔ.”
Afei Awurade Tumfoɔ Yehowa no ara asoma me, wasoma ne honhom.+ 17 Deɛ Yehowa, wo Gyefoɔ,+ Israel Kronkronni no,+ seɛ nie: “Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, deɛ ɔkyerɛ wo adeɛ a ɛyɛ ma woɔ,+ deɛ ɔgya wo fa ɛkwan a ɛsɛ sɛ wofa soɔ no so.+ 18 O sɛ wobɛtie me mmara nsɛm a,+ anka w’asomdwoeɛ bɛyɛ sɛ asubɔnten,+ na wo tenenee ayɛ sɛ po asorɔkye.+ 19 Afei wo nkyirimma bɛyɛ sɛ anwea, na w’asefoɔ ayɛ sɛ emu mfuamfua.+ Wɔrentwa ne din ntwene na wɔrentɔre n’ase mfiri m’anim.”+
20 Momfiri Babilon!+ Monnwane mfiri Kaldeafoɔ nkyɛn.+ Momfa anigyeɛ nto ahurisi dwom, na momma wɔnte yei.+ Momma no nnuru asase ano.+ Monka sɛ: “Yehowa agye n’akoa Yakob.+ 21 Berɛ a ɔde wɔn nam asase kesee soɔ no,+ sukɔm anne wɔn.+ Ɔmaa nsuo tue firii botan mu maa wɔn, ɔpaee botan mu maa nsuo seneeɛ.”+