Sakaria
7 Na ɔhene Dario+ afe a ɛtɔ so nnan, bosome a ɛtɔ so nkron a ɛne Kislew+ no da a ɛtɔ so nnan no, Yehowa ne Sakaria kasaeɛ. 2 Na Betel somaa Sareser ne Regem-Melek ne ne mmarima sɛ wɔmfa nkotɔsrɛ+ nkɔ Yehowa anim, 3 na wɔmmisa asafo Yehowa fie asɔfoɔ+ ne adiyifoɔ no sɛ: “Mensu bosome a ɛtɔ so nnum+ no mu na mentua me ho nneɛma, sɛdeɛ mayɛ mfeɛ pii yi anaa?”+
4 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 5 “Ka kyerɛ asase no sofoɔ ne asɔfoɔ nyinaa sɛ, ‘Berɛ a modii mmuada+ na mosuu bosome a ɛtɔ so nnum ne deɛ ɛtɔ so nson+ no mu mfeɛ aduɔson+ no, modii mmuada yi maa me anaa?+ 6 Na berɛ a modidi nomeeɛ no, ɛnyɛ mo ara na modidi nomeeɛ? 7 Ɛnyɛ asɛm a Yehowa nam tete adiyifoɔ+ so de too dwa no na ɛsɛ sɛ motie,+ berɛ a na nnipa tete Yerusalem, na ɛhɔ dwoɔ, na ne nkuro atwa ho ahyia, na nkurɔfoɔ wɔ Negeb+ ne Sefela+ no anaa?’”
8 Na Yehowa ka kyerɛɛ Sakaria bio sɛ: 9 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Momfa nokorɛ mmu atɛn,+ na obiara ne ne yɔnko nni no adɔeɛ+ ne mmɔborɔhunu+ so. 10 Na monhwɛ na obiara ansisi okunafoɔ+ anaa agyanka,+ ɔhɔhoɔ+ anaa deɛ ahia no,+ na mommmɔ mo nua ho pɔ bɔne wɔ mo akomam.’+ 11 Nanso wɔantie,+ na wɔsenee wɔn kɔn*+ buu nnua guu wɔn asom.+ 12 Na wɔmaa wɔn akoma+ yɛɛ dendeenden sɛ boɔ, na wɔantie mmara+ ne asɛm a asafo Yehowa nam ne honhom+ so de maa tete adiyifoɔ+ no. Enti asafo Yehowa ani beree wɔn so dendeenden.”+
13 “‘Na ɛsiane sɛ mefrɛeɛ na wɔantie+ nti, wɔn nso wɔbɛfrɛ na merentie,’+ asafo Yehowa asɛm nie. 14 ‘Na mebaa sɛ ahum bɛtuu wɔn kɔɔ aman+ a wɔnnim soɔ+ nyinaa so; na asase no danee amamfõ; obi nkɔ, na obi mma.+ Na wɔmaa asase fɛfɛ+ no danee ahodwirideɛ.’”