11 Ɛnna Mose bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdwodwo Yehowa, ne Nyankopɔn, bo+ sɛ: “Yehowa, adɛn na wo bo afu+ wo nkurɔfoɔ a wode tumi kɛseɛ ne nsa a ɛyɛ den yii wɔn firii Egypt asase soɔ yi?
6 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Mesrɛ wo, pa Yehowa wo Nyankopɔn no kyɛw ma me, na bɔ mpaeɛ ma me na me nsa no nyɛ yie.”+ Na nokorɛ Nyankopɔn nipa no paa Yehowa kyɛw,+ na ɔhene nsa no yɛɛ yie, na ɛyɛɛ sɛdeɛ ɛteɛ kane no.+
19 Yuda hene Hesekia ne Yudafoɔ nyinaa kuu no anaa? Ɛnyɛ Yehowa na ɔsuroo no, na ɔdwodwoo Yehowa bo+ maa Yehowa nso gyaee mmusuo a ɔkaa sɛ ɛbɛba wɔn soɔ no?+ Enti sɛ anhwɛ a, mmusuo kɛseɛ na yɛde bɛba yɛn kra soɔ.+