2 Berɛsosɛm
29 Hesekia+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Ne maame din de Abia a ɔyɛ Sakaria ba.+ 2 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so+ sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no ara.+ 3 Ɔno deɛ, n’ahennie afe a ɛdi kan, bosome a ɛdi kan no, ɔbuebuee Yehowa fie apono, na ɔyɛɛ no yie.+ 4 Na ɔmaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ no baeɛ, na ɔboaboaa wɔn ano wɔ petee mu+ wɔ apueeɛ fam. 5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Lewifoɔ, montie me. Monnwira+ mo ho, na monyɛ Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn fie no kronkron, na monyiyi deɛ ɛho nteɛ mfiri kronkronbea hɔ.+ 6 Yɛn agyanom fomeeɛ,+ na wɔyɛɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn ani so bɔne;+ wɔgyaa no+ na wɔyii wɔn ani firii Yehowa ntomadan so,+ na wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ no. 7 Wɔtotoo abantenten no apono+ nso mu, na wɔdundum nkanea+ no; wɔanhye aduhwam,+ na wɔammɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ kronkronbea hɔ amma Israel Nyankopɔn.+ 8 Enti Yehowa abufuo+ baa Yuda ne Yerusalem so, na ɔde wɔn yɛɛ ahoyeradeɛ+ ne ahodwirideɛ+ ne hwerɛmabɔdeɛ,+ sɛdeɛ mo ara mo ani tua yi. 9 Yei nti yɛn agyanom totɔɔ nkrantɛ ano,+ na wɔde yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa ne yɛn yerenom kɔɔ nkoasom mu.+ 10 Afei aba m’akomam sɛ me ne Yehowa, Israel Nyankopɔn bɛyɛ apam+ na n’abufuhyeɛ afiri yɛn so. 11 Enti me mma, monnhome,+ ɛfiri sɛ mo na Yehowa ayi mo sɛ monnyina n’anim nsom no+ na monyɛ n’asomfoɔ daa+ na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma no daa.”+
12 Ɛnna Lewifoɔ+ yi sɔreeɛ: Kohat asefoɔ+ mu, Amasai ba Mahat ne Asaria ba Yoel; Merari asefoɔ+ mu, Abdi ba Kis ne Yehalelel ba Asaria; Gerson asefoɔ+ mu, Sima ba Yoa ne Yoa ba Eden; 13 Elisafan asefoɔ+ mu, Simri ne Yeuel; Asaf asefoɔ+ mu, Sakaria ne Matania; 14 Heman asefoɔ+ mu, Yehiel ne Simei; Yedutan asefoɔ+ mu, Semaia ne Usiel. 15 Afei wɔboaboaa wɔn nuanom ano, na wɔdwiraa+ wɔn ho, na sɛdeɛ ɔhene no nam Yehowa asɛm+ so de ahyɛdeɛ maeɛ no, wɔbaa sɛ wɔrebɛte Yehowa fie no ho.+ 16 Na asɔfoɔ no baa Yehowa fie hɔ bɛtee ho, na wɔyiyii nneɛma a ɛho nteɛ a wɔhunuu no Yehowa asɔrefie hɔ no nyinaa baa Yehowa fie adihɔ.+ Na Lewifoɔ no nso gyeeɛ, na wɔde firii adi kɔɔ Kidron subɔn+ no ho. 17 Wɔfirii aseɛ tee ho bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan, na bosome no da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔbaa Yehowa fie abantenten+ no ho; wɔde nnafua nwɔtwe na ɛtee Yehowa fie no ho, na wɔwiee adwuma no bosome a ɛdi kan+ no da a ɛtɔ so dunsia.
18 Wɔwieeɛ no, wɔbaa Ɔhene Hesekia anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛate Yehowa fie no nyinaa ne ɔhyeɛ afɔrebukyia+ ne ɛho anwenneɛ+ nyinaa ho, ne ɛpono+ a wɔde paanoo a wɔde kyerɛ gu soɔ ne ɛho anwenneɛ+ nyinaa. 19 Na anwenneɛ+ a Ɔhene Ahas+ di hene no ɔyiyi firii hɔ n’amumuyɔ+ mu no, yɛasiesie ate+ ne nyinaa ho, na ɛwɔ Yehowa afɔrebukyia no anim.”
20 Na Ɔhene Hesekia+ sɔree anɔpahema+ kɔboaboaa kuro no mu mpanimfoɔ+ ano, na wɔbaa Yehowa fie hɔ. 21 Deɛ wɔde baeɛ ne anantwinini+ nson, adwennini nson, nnwammaa anini nson, ne mpapo nson a wɔde bɛbɔ bɔne afɔdeɛ+ ama ahennie no ne kronkronbea hɔ ne Yuda. Na ɔka kyerɛɛ Aaron asefoɔ, asɔfoɔ+ no, sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ Yehowa afɔrebukyia no so. 22 Enti wɔkunkum+ anantwie no, na asɔfoɔ no gyee mogya+ no de petepetee+ afɔrebukyia no so; ɛno akyi no, wɔkunkum adwennini+ no, na wɔde mogya no petepetee+ afɔrebukyia no so, na wɔkunkum nnwammaa anini no, na wɔde mogya no petepetee afɔrebukyia no so. 23 Afei wɔde bɔne afɔdeɛ ho mpapo+ no baa ɔhene ne badwa no anim na wɔde wɔn nsa guu wɔn so.+ 24 Ɛnna asɔfoɔ no kunkum wɔn na wɔde wɔn mogya no bɔɔ bɔne afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so de pata maa Israel+ nyinaa, ɛfiri sɛ Israel+ nyinaa na ɔhene kaa sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne afɔdeɛ no mma wɔn.+
25 Saa berɛ no nyinaa na wama Lewifoɔ+ no abɛgyinagyina Yehowa fie hɔ, na wɔkurakura nnawuta,+ asankuo+ ne asankuten+ sɛdeɛ Dawid+ ne ɔhene dehunufoɔ Gad+ ne odiyifoɔ Natan+ hyɛeɛ no, ɛfiri sɛ Yehowa nam n’adiyifoɔ no so na ɛhyɛeɛ.+ 26 Enti Lewifoɔ no kurakuraa Dawid nnwontoɔ nneɛma+ no gyinagyinaa hɔ, na asɔfoɔ no nso kurakuraa ntotorobɛnto.+
27 Afei Hesekia kaa sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no afɔrebukyia no so; berɛ a wɔfirii aseɛ sɛ wɔrebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, Yehowa dwom+ ne ntotorobɛnto no firii aseɛ, na wɔhyɛne maa ɛne Israel hene Dawid nnwontoɔ nneɛma no nnyegyeeɛ hyiaeɛ. 28 Na berɛ a wɔreto dwom+ na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no nyinaa na badwa no nyinaa abobɔ wɔn mu ase.+ Wɔyɛɛ saa de kɔsii sɛ wɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no. 29 Wɔwiee afɔrebɔ no ara pɛ, ɔhene ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa koto de wɔn anim butubutuu fam.+ 30 Ɛnna Ɔhene Hesekia ne mpanimfoɔ+ no ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ wɔmfa Dawid+ ne ɔdehunufoɔ Asaf+ nsɛm nyi Yehowa ayɛ. Na wɔde ahurisie+ yii no ayɛ, na wɔkoto de wɔn anim butubutuu fam.+
31 Na Hesekia kaa sɛ: “Afei moahyɛ+ mo nsam den ama Yehowa adwuma. Montwe mmɛn na momfa afɔrebɔdeɛ+ ne aseda+ afɔdeɛ mmra Yehowa fie.” Ɛnna badwa no de afɔrebɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ baeɛ, na obiara a n’akoma kaa no de ɔhyeɛ afɔdeɛ+ baeɛ. 32 Na ɔhyeɛ afɔdeɛ a badwa no de baeɛ no dodoɔ si anantwie aduɔson, adwennini ɔha, nnwammaa anini ahanu; wɔde yeinom nyinaa bɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Yehowa;+ 33 ayɛyɛdeɛ kronkron no nso, wɔde anantwie ahansia ne nnwan mpem mmiɛnsa na ɛbaeɛ. 34 Ná asɔfoɔ+ no sua, na wɔantumi annwa ɔhyeɛ afɔdeɛ no+ nyinaa. Enti wɔn nuanom+ Lewifoɔ no boaa wɔn kɔsii sɛ wɔwiee adwuma no;+ wɔboaa wɔn kɔsii sɛ asɔfoɔ no dwiraa wɔn ho,+ ɛfiri sɛ na Lewifoɔ no asiesie wɔn akoma+ sene asɔfoɔ no sɛ wɔbɛdwira wɔn ho. 35 Afei nso na ɔhyeɛ afɔdeɛ+ no ne asomdwoeɛ afɔdeɛ+ ho sradeɛ+ ne afɔrebɔ nsã+ a ɛka ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho no dɔɔso pii. Saa na wɔsiesiee Yehowa fie som no.+ 36 Ɛnna Hesekia ne ɔman no nyinaa dii ahurisie, deɛ nokorɛ Nyankopɔn ayɛ ama ɔman+ no nti, ɛfiri sɛ yei nyinaa sisii ntɛm so.+