Sefania
1 Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Sefania a ɔyɛ Kusi ba Gedalia ba Amaria ba Hesekia ba nie. Amon+ ba Yosia+ a ɔyɛ Yuda hene no berɛ so na ɔkaa yei kyerɛɛ no sɛ:
2 “Mɛsɛe biribiara afiri asase so,” Yehowa anom asɛm nie.+
3 “Mɛsɛe onipa ne aboa.+ Mɛsɛe wiem nnomaa ne po mu mpataa+ ne suntidua ne nnebɔneyɛfoɔ+ nyinaa. Na mɛtwa adasamma afiri asase so,”+ Yehowa anom asɛm nie. 4 “Mɛtene me nsa wɔ Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa so,+ na mɛtwa Baal+ nkaefoɔ ne akɔmfoɔ ne asɔfoɔ din afiri ha,+ 5 ne wɔn a wɔkɔ adan atifi kɔkoto ɔsoro asafo,+ ne wɔn a wɔbɔ wɔn mu ase+ ka Yehowa+ ne Malkam+ ntam; 6 ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri Yehowa ho,+ ne wɔn a wɔnhwehwɛ Yehowa na wɔmmisa n’ase nyinaa.”+
7 Monyɛ komm wɔ Awurade Tumfoɔ Yehowa anim;+ Yehowa da no abɛn,+ Yehowa asiesie n’afɔdeɛ,+ na wate+ wɔn a wafrɛ wɔn no ho.
8 “Sɛ da a Yehowa bɛbɔ afɔdeɛ no duru a, mɛma m’ani asã mmakoma ne ahenemma,+ ne wɔn a wɔhyɛ ananafoɔ atadeɛ+ nyinaa. 9 Saa da no, mɛma m’ani asã obiara a ɔforo bamma* ne wɔn a wɔde basabasayɛ ne nnaadaasɛm+ hyɛ wɔn wuranom afie mã no. 10 Saa da no,” Yehowa asɛm nie, “wɔbɛte esu denden afiri Mpataa Pono+ no ano, ne agyaadwoɔ afiri kuro no fã a ɛtɔ so mmienu+ no mu, ne ɔsɛeɛ kɛseɛ afiri nkokoɔ so.+ 11 Maktesfoɔ, montwa adwo,+ ɛfiri sɛ wɔama adwadifoɔ nyinaa ayɛ komm,+ na wɔatwa wɔn a wɔkari dwetɛ nyinaa afiri hɔ.
12 “Saa berɛ no, mede nkanea bɛhwehwɛ Yerusalem baabiara,+ na mɛma m’ani asã wɔn a wɔada te sɛ nsã a ne puo ada aseɛ,+ ne wɔn a wɔka no wɔn akomam sɛ, ‘Yehowa renyɛ papa, na ɔrenyɛ bɔne’+ no. 13 Nkurɔfoɔ bɛfa wɔn ahodeɛ na wɔn afie adane afituo.+ Wɔbɛsisi adan nanso wɔrentena mu;+ wɔbɛyeyɛ bobe nturo nanso wɔrennom mu nsã.+
14 “Yehowa da kɛseɛ no+ abɛn.+ Abɛn na ɛrepere pɛ ntɛm paa.+ Yehowa da no de nne a ɛyɛ nwono+ reba. Ɛhɔ na ɔkwabrane bɛteam asu.+ 15 Saa da no yɛ abufuhyeɛ da, ahohia ne ahoyera da,+ ahum ne amamfoyɛ da, esum ne kusuuyɛ da,+ mununkum ne esum kabii da, 16 mmɛnhyɛn ne nteateamu da,+ na ɛbɛba nkuro a ɛyɛ den ne aban atenten+ so. 17 Mɛma nnipa ho ahiahia wɔn na wɔanante sɛ anifirafoɔ,+ ɛfiri sɛ Yehowa na wɔayɛ no bɔne.+ Na wɔbɛhwie wɔn mogya agu sɛ mfuturo+ na wɔn nsono ayɛ sɛ sumina.+ 18 Na wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn Yehowa abufuo da no,+ na n’anibereɛ gya mu na asase no nyinaa bɛhyeɛ+ na ɔde ɔsɛeɛ a ɛyɛ hu atɔre asase no sofoɔ nyinaa ase.”+