2 Berɛsosɛm
34 Yosia+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ nwɔtwe,+ na ɔdii hene mfeɛ aduasa baako wɔ Yerusalem.+ 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so,+ na ɔnantee ne nana Dawid akwan so,+ na wammane ankɔ nifa anaa benkum.+
3 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe mu, berɛ a ɔda so yɛ abɔfra+ no, ɔfirii aseɛ hwehwɛɛ+ ne nana Dawid Nyankopɔn; na afe a ɛtɔ so dumienu mu no, ɔfirii aseɛ tee Yuda ne Yerusalem ho+ yiyii sorɔnsorɔmmea+ ne abosonnua+ ne ahoni a wɔasene+ ne dadeɛ ahoni no firii hɔ. 4 Bio nso, ɔhwɛ maa wɔbubuu Baal+ afɔrebukyia+ no, na aduhwam adeɛ+ a ɛwowɔ soro no, ɔtwitwaeɛ, na abosonnua+ ne ahoni a wɔasene+ ne dadeɛ ahoni no, ɔyam no dukuduku+ de petepetee wɔn a na wɔbɔ afɔdeɛ wɔ soɔ no adamena so.+ 5 Afei ɔhyee asɔfoɔ no nnompe+ wɔ wɔn afɔrebukyia no so.+ Saa na ɔyɛeɛ de tee Yuda ne Yerusalem ho.
6 Na Manase+ ne Efraim+ ne Simeon nkuro mu de kɔsi Naftali ne wɔn amamfõ so nyinaa nso, 7 ɔkɔɔ hɔ kɔbubuu afɔrebukyia+ ne abosonnua+ no, na ɔyam ahoni+ a wɔasene no dukuduku;+ aduhwam adeɛ+ no nyinaa nso, ɔtwitwa firii Israel asase nyinaa so, na ɛno akyi no, ɔsan kɔɔ Yerusalem.
8 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe+ mu a ɔtee asase no ne fie no ho wieeɛ no, ɔsomaa Asalia ba Safan+ ne amrado Maaseia ne ɔhene krakye Yoahas ba Yoa sɛ wɔnkɔsiesie+ Yehowa, ne Nyankopɔn fie hɔ. 9 Na wɔbaa ɔsɔfo panin Hilkia+ nkyɛn, na sika a wɔde ba Onyankopɔn fie hɔ a na Lewifoɔ apono ano ahwɛfoɔ+ no aboaboa ano firi Manase+ ne Efraim +ne Israelfoɔ+ a aka nyinaa ne Yuda ne Benyamin ne Yerusalemfoɔ hɔ no, wɔde ne nyinaa kɔmaa no. 10 Ɛnna wɔde hyɛɛ wɔn a wɔdeda adwuma no ano wɔ Yehowa fie hɔ no nsa.+ Adwumayɛfoɔ a wɔwɔ Yehowa fie hɔ no nso de siesiee fie no miamiaa mu. 11 Enti wɔde maa adwumfoɔ ne adansifoɔ+ sɛ wɔmfa ntɔ aboɔ a wɔapaeɛ+ ne nnua a wɔde bɛsosɔ dan no mu, na wɔmfa ntaaboɔ nsisi afie a Yuda ahemfo+ asɛe no no.
12 Na mmarima no yɛɛ adwuma nokorɛdie mu;+ wɔn a wɔyii wɔn sɛ wɔnhwɛ adwuma no soɔ ne Yahat ne Obadia, Lewifoɔ a wɔfiri Merari mma+ mu, ne Sakaria ne Mesulam a wɔfiri Kohat mma+ mu. Na Lewifoɔ a wɔn mu biara nim nnwom bɔ yie+ no, 13 wɔn na wɔhwɛɛ adesoafoɔ+ ne adwumayɛfoɔ a wɔyɛ nnwuma hodoɔ so mpanimfoɔ+ no soɔ. Lewifoɔ+ no bi yɛɛ atwerɛfoɔ+ ne mpanimfoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ.+
14 Berɛ a wɔreyi sika+ a wɔde aba Yehowa fie hɔ no, ɔsɔfoɔ Hilkia+ hunuu mmara+ nwoma+ a Yehowa nam Mose nsa so de maeɛ+ no. 15 Ɛnna Hilkia ka kyerɛɛ ɔtwerɛfoɔ Safan+ sɛ: “Mmara nwoma no, makɔhunu no Yehowa fie hɔ.” Enti Hilkia de nwoma no maa Safan. 16 Na Safan de nwoma no baa ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Deɛ wode ahyɛ wo nkoa nsa nyinaa, wɔreyɛ. 17 Sika a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, wɔhwie de hyɛ ahwɛfoɔ ne adwumayɛfoɔ no nsa.”+ 18 Afei ɔtwerɛfoɔ Safan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma+ bi ama me.”+ Ɛnna Safan firii aseɛ kenkan no ɔhene anim.+
19 Na berɛ a ɔhene tee mmara no mu nsɛm ara pɛ, ɔsuanee n’atadeɛ mu.+ 20 Ɛnna ɔhene hyɛɛ Hilkia+ ne Safan ba Ahikam+ ne Mika ba Abdon ne ɔtwerɛfoɔ+ Safan+ ne ɔhene akoa Asaia+ sɛ: 21 “Monkɔ nkɔbisa+ Yehowa mma me+ ne Israel nkaeɛ ne Yuda, nwoma a wɔahunu yi mu nsɛm+ nti, na Yehowa abufuo+ a ɛreba yɛn soɔ no sõ, ɛfiri sɛ yɛn agyanom anni Yehowa asɛm so anyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no nwoma yi mu no nyinaa.”+
22 Ɛnna Hilkia ne wɔn a ɔhene hyɛɛ wɔn no kɔɔ odiyifoɔbaa+ Hulda,+ ntadeɛ sohwɛfoɔ+ Harhas ba Tikwa ba Salum yere no nkyɛn; saa berɛ no, na odiyifoɔbaa no te Yerusalem kuro foforɔ no mu, na wɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ no. 23 Na ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ:
“Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ: 24 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mede mmusuo+ reba kuro yi ne wɔn a wɔtete mu no so;+ nnome+ a wɔatwerɛ no nwoma a wɔkenkan no Yuda hene anim no mu nyinaa, mede reba,+ 25 ɛfiri sɛ wɔagya me+ akɔhye afɔrebɔdeɛ ama anyame foforɔ,+ sɛ wɔde wɔn nsa ano adwuma+ nyinaa bɛhyɛ me abufuo;+ m’abufuo+ ahwie agu kuro yi so a ɛrennum.’”+ 26 Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa Yehowa anom asɛm no, monka nkyerɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie,+ ‘Nsɛm+ a woateɛ no, 27 sɛ́ woanyɛ w’akoma+ den na wobrɛɛ wo ho ase+ Onyankopɔn anim berɛ a wotee nsɛm a wɔaka no kuro yi ne wɔn a wɔtete mu ho, na wobrɛɛ wo ho ase m’anim,+ na wosuanee+ w’atadeɛ mu suu m’anim nti, me nso mate,+ Yehowa asɛm nie. 28 Hwɛ, mɛboaboa wo akɔka w’agyanom ho, na wɔbɛboaboa wo akɔ wo damena mu asomdwoeɛ mu,+ na w’ani renhunu mmusuo+ a mede reba kuro yi ne wɔn a wɔtete mu soɔ no.’”’”+
Ɛnna wɔde mmuaeɛ no kɔmaa ɔhene. 29 Na ɔhene soma maa wɔkɔboaboaa Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa ano.+ 30 Afei ɔhene no ne Yuda mmarima nyinaa ne Yerusalemfoɔ ne asɔfoɔ+ ne Lewifoɔ no ne ɔman no nyinaa, ɔkɛseɛ ne kumaa nyinaa, kɔɔ Yehowa fie+ hɔ, na ɔfirii aseɛ kenkanee+ apam nwoma a wɔhunuu no Yehowa fie hɔ+ no mu nsɛm wɔn nyinaa asom. 31 Na ɔhene gyinaa deɛ ɔgyina,+ na ɔyɛɛ apam+ Yehowa anim sɛ ɔbɛdi Yehowa akyi, na ɔde n’akoma+ nyinaa ne ne kra+ nyinaa bɛdi ne mmara nsɛm+ ne n’adansesɛm+ ne n’ahyɛdeɛ+ so, na wadi+ apam no mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma+ yi mu no so. 32 Afei ɔmaa wɔn a wɔtete Yerusalem ne Benyamin nyinaa suaeeɛ. Na Yerusalemfoɔ yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn apam no teɛ.+ 33 Ɛno akyi no, Yosia yiyii Israelfoɔ akyiwadeɛ+ a ɛwɔ asase no soɔ nyinaa,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Israel nyinaa sɛ wɔnsom, na wɔsom Yehowa wɔn Nyankopɔn. Ne nna nyinaa mu no, wɔammane amfiri Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn no akyi.+