Yesaia
25 O Yehowa, wone me Nyankopɔn.+ Mema wo so+ kamfo wo din,+ ɛfiri sɛ woayɛ anwanwadeɛ pii,+ na wo tete agyinatuo+ nyinaa yɛ nokorɛ+ na aba mu.+ 2 Woama kuro bi abubu sum hɔ, woama kuro denden adwiri agu, ananafoɔ aban no nyɛ kuro bio, na wɔrentumi nkyekyere bio da.+ 3 Ɛno nti nnipa a wɔn ho yɛ den bɛhyɛ wo animuonyam, na amanaman atirimuɔdenfoɔ kuro bɛsuro wo.+ 4 Wone ɔbrɛfoɔ abandenden, ohiani abandenden wɔ n’ahohia mu,+ ahum ano dwankɔbea, ɔhyew mu nwunu+—berɛ a atirimuɔdenfoɔ hwenem mframa te sɛ ahum a ɛboro ɔfasuo no. 5 Wobrɛɛ ananafoɔ dede ase te sɛ serɛ so ɔhyew; wode mununkum nwunu gyee ɔhyew,+ na womaa atirimuɔdenfoɔ dwom ano brɛɛ ase.+
6 Asafo Yehowa bɛto aman+ nyinaa pono wɔ bepɔ yi so:+ sradeduane,+ nsã a akyɛ,* sradeduane a hon+ fra mu, nsã+ a wɔasɔne soɔ.+ 7 Bepɔ yi so na ɔbɛmene deɛ ayɛ sɛ kuntu a ɛkata nnipa nyinaa soɔ no,+ ntoma a wɔde akata aman nyinaa soɔ no. 8 Ɔbɛmene owuo akɔsi daa,+ na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛpepa obiara ani so nisuo.+ Na ɔbɛyi ne man ahohora afiri asase nyinaa so.+ Yehowa no ara anom asɛm nie.
9 Saa da no nnipa bɛka sɛ: “Hwɛ, yɛn Nyankopɔn nie!+ Yɛde yɛn ani ato ne so,+ na ɔbɛgye yɛn.+ Yehowa nie.+ Yɛde yɛn ani ato ne so. Momma yɛn ani nnye na yɛnni ne nkwagyeɛ mu ahurisie.”+
10 Yehowa nsa bɛba bepɔ+ yi so, na wɔbɛtiatia Moab so+ sɛ nwura a wɔtiatia so wɔ sumina+ so. 11 Na ɔbɛtrɛ ne nsam wɔ mu te sɛ osudwarefoɔ a ɔtrɛ ne nsam dwareɛ, na ɔbɛdanedane ne nsa de abrɛ n’ahantan+ ase. 12 Ɔbɛma kuro denden ne w’afasuo atenten no nyinaa adwiri agu; ɔbɛbrɛ no ase, ɔbɛma no aka fam, mfuturo mu.+