Asomafoɔ Nnwuma
7 Na ɔsɔfo panin no bisaa sɛ: “Nsɛm yi te saa anaa?” 2 Ɔkaa sɛ: “Mmarima, anuanom ne agyanom, montie. Animuonyam Nyankopɔn+ no yii ne ho adi kyerɛɛ yɛn nana Abraham, berɛ a na ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrekɔtena Haran+ no, 3 na ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Firi w’asase so ne w’abusua mu na kɔ asase a mɛkyerɛ woɔ no so.’+ 4 Enti ɔfirii Kaldeafoɔ asase so kɔtenaa Haran. Afei berɛ a ne papa wuiɛ akyi+ no, Onyankopɔn maa no tu bɛtenaa asase a mote so seesei no so.+ 5 Nanso wamma no bi sɛ agyapadeɛ, wannya nammɔn baako mpo;+ na mmom ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma no sɛ agyapadeɛ,+ na n’akyi no ɔde bɛma n’asefoɔ,+ nanso saa berɛ no na ɔnni ba.+ 6 Bio nso, Onyankopɔn kaa yei ho asɛm sɛ n’asefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ+ wɔ ananafoɔ asase so+ na nkurɔfoɔ no de wɔn bɛyɛ nkoa adi wɔn ani mfeɛ ahanan.+ 7 Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Mɛbu ɔman a wɔde wɔn bɛyɛ nkoa no atɛn,+ na yeinom akyi no, wɔbɛfiri hɔ na wɔabɛsom me wɔ ha.’+
8 “Ɔmaa no twetiatwa apam+ nso; enti ɔwoo Isak,+ na da a ɛtɔ so nwɔtwe no ɔtwaa no twetia,+ na Isak woo Yakob, na Yakob woo mmusua dumienu no agyanom.+ 9 Na mmusua ti no ani beree+ Yosef na wɔtɔn no kɔɔ Egypt.+ Nanso na Onyankopɔn ka ne ho,+ 10 na ɔgyee no firii n’ahohia nyinaa mu maa no adom ne nyansa wɔ Egypt hene Farao anim. Na ɔyii no sɛ ɔnhwɛ Egypt ne ne fie nyinaa so.+ 11 Na ɛkɔm baa Egypt ne Kanaan nyinaa, ahohiahia kɛseɛ mpo, na na yɛn agyanom nnya aduane.+ 12 Na Yakob tee sɛ aduane wɔ Egypt+ na ɔsomaa yɛn agyanom deɛ ɛdi kan.+ 13 Na ne mprenu soɔ no, Yosef yii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom,+ na Farao hunuu Yosef abusuafoɔ.+ 14 Enti Yosef soma maa wɔkɔfaa ne papa Yakob ne n’abusuafoɔ nyinaa firii hɔ baeɛ,+ akra a wɔn dodoɔ si aduɔson nnum.+ 15 Yakob kɔɔ Egypt.+ Na ɔwuiɛ;+ na yɛn agyanom nso wuwuu saa ara,+ 16 na wɔde wɔn kɔɔ Sekem+ kɔsiee wɔn wɔ ɛda+ a Abraham de dwetɛ sika tɔ firii Hamor mma nkyɛn wɔ Sekem no mu.+
17 “Na berɛ reyɛ asõ ama bɔhyɛ a Onyankopɔn de maa Abraham pefee no aba mu no, nnipa no bɛdɔɔso na wɔyɛɛ bebree wɔ Egypt,+ 18 kɔsii sɛ ɔhene foforɔ bɛdii adeɛ wɔ Egypt a na ɔnnim Yosef.+ 19 Ɔno na ɔde aniteɛ dii yɛn abusua no so+ hyɛɛ agyanom wɔ kwammɔne so sɛ wɔnnya wɔn mma nkɔkoaa hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛwuwuo.+ 20 Saa berɛ no ara na wɔwoo Mose,+ na na ne ho yɛ fɛ yie Onyankopɔn anim.+ Na wɔhwɛɛ no wɔ ne papa fie abosome mmiɛnsa. 21 Na berɛ a wɔgyaa no too baabi no, Farao babaa faa no tetee no sɛ ɔno ara ne ba.+ 22 Enti wɔkyerɛɛ Mose Egyptfoɔ nyansa+ nyinaa. Nokorɛm no, na ɔwɔ tumi wɔ ne kasa+ ne ne nnwuma mu.
23 “Afei berɛ a ɔdii mfeɛ aduanan no, ɛbaa n’akomam sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ ne nuanom, Israel mma no.+ 24 Na ɔhunuu sɛ wɔreyɛ obi bɔne no, ɔgyinaa n’akyi dii werɛ maa deɛ wɔreyɛ no bɔne no kuu Egyptni no.+ 25 Ɔsusuu sɛ ne nuanom bɛhunu sɛ Onyankopɔn nam ne nsa so regye wɔn,+ nanso wɔanhu no saa. 26 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔkɔtoo wɔn sɛ wɔreko, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka wɔn abom bio ama asomdwoeɛ aba wɔn ntam,+ na ɔkaa sɛ, ‘Mmarima, moyɛ anuanom. Adɛn nti na moyɛ mo ho bɔne?’+ 27 Na deɛ ɔreyɛ ne yɔnko bɔne no bɔɔ no guiɛ, na ɔkaa sɛ, ‘Hwan na ɔyii wo sodifoɔ ne ɔtemmufoɔ yɛn soɔ?+ 28 Wopɛ sɛ woku me sɛdeɛ nnora wokum Egyptni no anaa?’+ 29 Asɛm yi maa Mose dwaneeɛ, na ɔkɔyɛɛ hɔhoɔ wɔ Midian+ asase so, na ɛhɔ na ɔwoo mma mmienu.+
30 “Na mfeɛ aduanan duruiɛ no, ɔbɔfoɔ bi yii ne ho adi kyerɛɛ no Bepɔ Sinai serɛ so wɔ nkyɛkyerɛ bi a ɛredɛreɛ mu.+ 31 Adeɛ a Mose hunuiɛ yi yɛɛ no nwanwa.+ Na ɔrebɛn ho akɔhwɛ no, Yehowa kasaa sɛ, 32 ‘Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn.’+ Ehu kaa Mose maa enti wannya akokoɔduro sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ dekodeɛ no bio. 33 Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Yi wo nan ase mpaboa, na baabi a wogyina no yɛ asase kronkron.+ 34 Nokorɛm no, mahunu sɛdeɛ wɔredi me nkurɔfoɔ a wɔwɔ Egypt no ani,+ na mate wɔn apinisie+ na masiane sɛ merebɛgye wɔn.+ Afei bra, na mɛsoma wo akɔ Egypt.’+ 35 Mose yi a wɔpaa no kaa sɛ, ‘Hwan na ɔyii wo sodifoɔ ne ɔtemmufoɔ?’+ no, ɔno na Onyankopɔn nam ɔbɔfoɔ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no nkyɛkyerɛ mu no nsa so somaa no+ sɛ sodifoɔ ne ɔgyefoɔ. 36 Ɔbarima yi na ɔyii wɔn;+ ɔyɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne wɔ Egypt+ ne Po Kɔkɔɔ+ no mu ne serɛ no so mfeɛ aduanan.+
37 “Mose yi na ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ, ‘Onyankopɔn bɛyi odiyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri mo nuanom mu ama mo.’+ 38 Oyi+ na na ɔka ɔbɔfoɔ+ a ɔkasa kyerɛɛ no Bepɔ Sinai soɔ no ho a ɔbaa asafo+ no mu ne yɛn agyanom nkyɛn wɔ serɛ soɔ no, na ɔnyaa nkwa nsɛm kronkron+ a ɔde bɛma mo. 39 Yɛn agyanom anyɛ ɔsetie amma no, mmom no wɔpoo no,+ na wɔn akoma mu no wɔsan kɔɔ Egypt,+ 40 na wɔka kyerɛɛ Aaron sɛ, ‘Yɛ anyame ma yɛn ma wɔnni yɛn anim. Na Mose yi a ɔdii yɛn anim firii Egypt asase soɔ no deɛ, yɛnnim deɛ ato no.’+ 41 Enti wɔyɛɛ nantwie ba bi nna no mu+ bɔɔ afɔdeɛ maa ohoni no na wɔfirii aseɛ gyee wɔn ani, wɔn nsa ano adwuma ho.+ 42 Enti Onyankopɔn danee ne ho na ɔgyaa wɔn+ maa wɔsom ɔsoro asafo, sɛdeɛ wɔatwerɛ no adiyifoɔ no nwoma mu no sɛ,+ ‘O Israel fie, ɛyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me serɛ so mfeɛ aduanan no anaa?+ 43 Mmom no, ɛyɛ Molok+ ntomadan ne Refan nyame nsoromma+ na mofaeɛ, ahoni a moyɛeɛ sɛ mobɛsom wɔn no. Enti mɛtwa mo asu+ akɔ Babilon akyi nohoa.’
44 “Yɛn agyanom nyaa adanseɛ ntomadan no wɔ serɛ no so, sɛdeɛ ɔhyɛɛ Mose berɛ a ɔrekasa akyerɛ no sɛ ɔnyɛ no sɛ nhwɛsodeɛ a ɔhunuiɛ no.+ 45 Na yɛn agyanom a wɔnyaeɛ no ne Yosua+ de baa aman a Onyankopɔn yii wɔn firii yɛn agyanom anim+ no asase a na wɔte soɔ+ no so. Ɛtenaa ha ara bɛsii Dawid berɛ so. 46 Ɔnyaa Onyankopɔn anim adom+ na ɔbisaa hokwan a ɔde bɛsi tenabea+ ama Yakob Nyankopɔn. 47 Nanso, Solomon na ɔsii fie maa no.+ 48 Na asɛm no ne sɛ, Ɔsorosoroni no nte afie a wɔde nsa asie mu,+ sɛdeɛ odiyifoɔ no kaa sɛ, 49 ‘Ɔsoro yɛ m’adwa,+ na asase yɛ me nan ntiasoɔ.+ Efie bɛn na mobɛsi ama me? Yehowa na ɔseɛ. Anaasɛ ɛhe ne me homebea?+ 50 Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ nneɛma yi nyinaa?’+
51 “Nnipa a moasene mo kɔn na moyɛ akoma ne aso mu momonotofoɔ,+ berɛ nyinaa moko tia honhom kronkron no; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.+ 52 Adiyifoɔ no mu hwan na mo agyanom antaa no?+ Aane, wɔkum+ wɔn a wɔkaa Ɔteneneeni+ a ɔreba no ho asɛm too hɔ no; deɛ seesei asodie da mo so sɛ mo na moyii no maeɛ na mokuu no+ no, 53 mo a monyaa Mmara no sɛdeɛ abɔfoɔ+ de maeɛ no, nanso moanni so.”
54 Wɔtee yei no, ɛwowɔɔ wɔn akomam+ na wɔfirii aseɛ twɛree+ wɔn sẽ guu ne so. 55 Nanso ɛsiane sɛ honhom kronkron ayɛ no mã nti, ɔhwɛɛ soro dinn hunuu Onyankopɔn animuonyam ne Yesu sɛ ɔgyina Onyankopɔn nsa nifa,+ 56 na ɔkaa sɛ: “Hwɛ! Mehunu sɛ ɔsoro abue+ a onipa Ba+ no gyina Onyankopɔn nsa nifa.”+ 57 Ɛnna wɔde nne kɛseɛ teateaam, na wɔde wɔn nsa sisii wɔn aso+ na wɔn nyinaa tuu bum kɔɔ ne so. 58 Na berɛ a wɔde no firii kuro no mu no,+ wɔfirii aseɛ sii no aboɔ.+ Na adansefoɔ+ no de wɔn ntadeɛ ngugusoɔ guu aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Saul+ nan ase. 59 Na wɔgu so resi Stefano aboɔ no ɔsrɛɛ sɛ: “Awurade Yesu, gye me honhom.”+ 60 Afei, ɔbuu nkotodwe de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Yehowa, mmu bɔne yi ntia wɔn.”+ Na ɔkaa saa no ɔdaa wɔ owuo mu.