Exodus 7:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na mɛma Farao apirim n’akoma+ na ama mayɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ bebree wɔ Egypt asase so.+ Exodus 8:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Fa wo poma+ na tene wo nsa wɔ nsubɔnten, Nil asuasu, ne atadeɛ so, na ma mpɔtorɔ mmra Egypt asase so baabiara.’” Exodus 9:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Enti wɔkɔsaa fononoo mu nsõ, na wɔbɛgyinaa Farao anim. Afei Mose to petee wiem na ɛdanee mpɔmpɔ bɔne+ bobɔɔ nnipa ne mmoa nyinaa. Dwom 105:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnne wɔn mu,+Na wɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ Ham asase so.+
5 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Fa wo poma+ na tene wo nsa wɔ nsubɔnten, Nil asuasu, ne atadeɛ so, na ma mpɔtorɔ mmra Egypt asase so baabiara.’”
10 Enti wɔkɔsaa fononoo mu nsõ, na wɔbɛgyinaa Farao anim. Afei Mose to petee wiem na ɛdanee mpɔmpɔ bɔne+ bobɔɔ nnipa ne mmoa nyinaa.