Numeri
8 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Sɛ wososɔ nkanea no a, ma nkanea nson no nhyerɛn kaneadua no anim.’”+ 3 Na Aaron yɛɛ saa. Ɔsosɔɔ nkanea no maa no hyerɛn kaneadua+ no anim, sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no. 4 Yei ne kwan a wɔfaa so yɛɛ kaneadua no. Wɔboroo sika kɔkɔɔ na ɛyɛeɛ. Ɛfiri ne nkorabata so kɔsi ne nhwiren soɔ nyinaa yɛ sika a wɔaborɔ.+ Mose yɛɛ kaneadua no sɛdeɛ anisoadeɛ+ a Yehowa yi kyerɛɛ no no teɛ pɛpɛɛpɛ.
5 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 6 “Yi Lewifoɔ no firi Israelfoɔ mu na te wɔn ho.+ 7 Deɛ wobɛyɛ de ate wɔn ho nie: Fa nsuo a wɔde hohoro bɔne petepete wɔn so.+ Afei wɔmfa yiwan nyi wɔn ho nwi nyinaa+ na wɔnsi wɔn ntadeɛ+ mma wɔn ho nte.+ 8 Na wɔmfa nantwinini kumaa+ ne esiam muhumuhu a wɔde ngo afete a wɔde bɛbɔ aduane afɔdeɛ,+ na gye nantwinini kumaa foforɔ a wode bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ.+ 9 Fa Lewifoɔ no kɔgyina ahyiaeɛ ntomadan no anim na ma Israel asafo nyinaa mmɔ dwa.+ 10 Ma wɔnnyina Yehowa anim na Israelfoɔ mfa wɔn nsa ngu+ Lewifoɔ+ no so. 11 Afei Aaron mma Lewifoɔ no nhim wɔn ho nkɔ benkum ne nifa sɛ ohim+ afɔdeɛ a Israelfoɔ rebɔ no Yehowa anim na wɔnsom Yehowa.+
12 “Na Lewifoɔ no mfa wɔn nsa ngu anantwinini no so.+ Afei fa baako bɔ bɔne ho afɔdeɛ na fa baako bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Yehowa fa pata+ ma Lewifoɔ no. 13 Na ma Lewifoɔ no nnyina Aaron ne ne mma no anim na wɔnhim wɔn ho nkɔ benkum ne nifa sɛ ohim afɔdeɛ mma Yehowa. 14 Te Lewifoɔ no firi Israelfoɔ ho na Lewifoɔ no mmɛyɛ me dea.+ 15 Ɛno akyi no, Lewifoɔ no bɛsom ahyiaeɛ ntomadan no mu.+ Enti te wɔn ho na him wɔn kɔ benkum ne nifa sɛ ohim afɔdeɛ.+ 16 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ wɔayi wɔn afiri Israelfoɔ mu+ sɛ wɔnsi Israelfoɔ mmakan a wɔbue yafunu ano nyinaa ananmu,+ na mede wɔn bɛyɛ me dea, 17 ɛfiri sɛ abakan biara a ɔbue yafunu ano no yɛ me dea, nnipa ne mmoa nyinaa.+ Da a mekunkum Egyptfoɔ mmakan+ no na mehyiraa wɔn so faeɛ.+ 18 Mede Lewifoɔ bɛsi Israelfoɔ mmakan nyinaa ananmu.+ 19 Na mɛyi Lewifoɔ afiri Israelfoɔ mu de wɔn ama Aaron ne ne mma+ ama wɔasom ahyiaeɛ ntomadan+ no mu ama Israelfoɔ. Na wɔbɛpata ama Israelfoɔ no na Israelfoɔ no ammɛn kronkronbea hɔ amma asiane biara anto wɔn.”+
20 Na Mose ne Aaron ne Israel asafo nyinaa yɛɛ biribiara a Yehowa hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ Lewifoɔ no; saa ara na Israelfoɔ no yɛeɛ. 21 Enti Lewifoɔ no dwiraa wɔn+ ho sii wɔn ntadeɛ. Na Aaron him wɔn kɔɔ benkum ne nifa sɛ ohim afɔdeɛ wɔ Yehowa anim.+ Afei Aaron bɔɔ mpata afɔdeɛ de tee wɔn ho.+ 22 Ɛno akyi no, Lewifoɔ no somee wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu wɔ Aaron ne ne mma anim.+ Sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ Lewifoɔ no, saa ara na wɔyɛeɛ.
23 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 24 “Lewifoɔ ho mmara nie: Sɛ wɔn mu bi nya di mfeɛ aduonu nnum rekorɔ a, ɔbɛba abɛyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu. 25 Nanso sɛ ɔdi mfeɛ aduonum a ɔrenyɛ adwuma bio. 26 Mmom ɔmmoa ne nuanom a wɔreyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no, na ɔrenyɛ adwuma biara. Yei na monyɛ mma Lewifoɔ no mfa nni wɔn asɛdeɛ ho dwuma.”+