2 Ahemfo
12 Na Yehu+ afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoas+ bɛdii hene, na ɔdii adeɛ mfeɛ aduanan wɔ Yerusalem. Ne maame din de Sibiya a ɔfiri Beer-Seba. 2 Yehoas yɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so, ne nna a ɔsɔfoɔ Yehoiada kyerɛkyerɛɛ no no nyinaa.+ 3 Sorɔnsorɔmmea no nko na amfiri hɔ.+ Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.
4 Yehoas ka kyerɛɛ asɔfoɔ+ no sɛ: “Ayɛyɛdeɛ kronkron+ sika a wɔde ba Yehowa fie+ nyinaa, ankorankoro toɔ,+ obiara kra ti sika,+ ne sika biara a ɛba obi akomam sɛ ɔde bɛba Yehowa fie+ no, 5 ma asɔfoɔ no nnyegye mfiri wɔn amannifoɔ nkyɛn,+ na wɔnsiesie fie no baabiara a asɛeɛ.”+
6 Ɛduruu Ɔhene Yehoas afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa mu no, na asɔfoɔ no nsiesiee baabi a asɛesɛe wɔ fie hɔ+ no. 7 Enti Ɔhene Yehoas frɛɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada+ ne asɔfoɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na monsiesiee baabi a asɛesɛe wɔ fie hɔ no? Ɛno nti afei monnnyegye sika mmfiri mo amannifoɔ nkyɛn bio, na momfa sika no mma na wɔmfa nsiesie baabi a asɛesɛe wɔ fie hɔ no.”+ 8 Ɛnna asɔfoɔ no penee so sɛ wɔrennyegye sika mfiri ɔman no nkyɛn bio, na wɔrensiesie baabi a asɛesɛe wɔ fie hɔ no.
9 Ɔsɔfoɔ Yehoiada faa adaka+ bi, na ɔtuu ne mmuasoɔ no mu tokuro de sii afɔrebukyia no nkyɛn wɔ nifa so, deɛ wɔfa ba Yehowa fie no; ɛhɔ na asɔfoɔ no, wɔn a wɔhwɛ pono ano+ no de sika+ a wɔde baa Yehowa fie no nyinaa kɔguiɛ. 10 Na sɛ wɔhunu sɛ sika pii aba adaka no mu a, ntɛm ara ɔhene twerɛfoɔ+ ne ɔsɔfo panin no ba bɛkyekyere, na wɔkan sika a wɔnya no Yehowa fie+ no. 11 Afei wɔde sika a wɔakan no hyɛ adwumayɛfoɔ+ a wɔde wɔn asisi Yehowa fie soɔ no nsa, na wɔde tua dua adwumfoɔ ne adansifoɔ a wɔreyɛ adwuma Yehowa fie hɔ no ka, 12 na wɔde bi nso tua abantofoɔ ne abopaefoɔ+ no ka, na wɔde bi tɔ nnua a wɔapaeɛ ne aboɔ a wɔapaeɛ a wɔde bɛsiesie baabi a asɛesɛe wɔ Yehowa fie hɔ no, na wɔde bi nso tuatua biribiara a wɔyɛ de siesiee fie no ho ka.
13 Nanso wɔamfa sika a wɔde ba Yehowa fie no bi anyɛ Yehowa fie hɔ dwetɛ asɛn ne adumgya+ ne nyaawa+ ne ntotorobɛnto+ ne sika nneɛma ne dwetɛ nneɛma no biara;+ 14 mmom no, wɔde sika no maa adwumayɛfoɔ no, na wɔn nso wɔde siesiee Yehowa fie no.+ 15 Na nnipa a wɔde sika hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa mma adwumayɛfoɔ no,+ wɔne wɔn ammu ho nkonta,+ ɛfiri sɛ wɔyɛɛ adwuma no nokorɛdie mu.+ 16 Asodie afɔdeɛ+ sika ne bɔne afɔdeɛ sika no deɛ, wɔamfa amma Yehowa fie hɔ, na wɔde maa asɔfoɔ no.+
17 Saa berɛ no, Siria hene Hasael+ foro kɔɔ Gat+ so ne no kɔkoeɛ, na ɔgye faeɛ; ɛno akyi no, Hasael de n’ani+ sii Yerusalem so sɛ ɔne wɔn rebɛko.+ 18 Ɛnna Yuda hene Yehoas sesaa ayɛyɛdeɛ kronkron+ a ne nananom, Yuda ahemfo Yehosafat ne Yehoram ne Ahasia, ayɛ no kronkron no, ne n’ayɛyɛdeɛ kronkron ne sika a ɛwɔ Yehowa fie ne ahemfie akoradeɛ mu no nyinaa, na ɔsoma+ de kɔmaa Siria hene Hasael. Ɛnna ɔfirii Yerusalem so kɔeɛ.
19 Yehoas ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 20 Nanso Yehoas nkoa+ sɔre yɛɛ baako bɔɔ ne ho pɔ,+ na wɔkum no wɔ Milo*+ aban+ no ho, ɛkwan a ɛkɔ Sila no so. 21 Ne nkoa Simat ba Yosakar, ne Somer ba Yehosabad+ na wɔbɔɔ no, na ɔwuiɛ. Na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro mu, na ne ba Amasia+ bɛdii n’adeɛ.