Dwom 113 Monyi Yah ayɛ!+Yehowa nkoa, monyi no ayɛ,+Monyi Yehowa din ayɛ.+ 2 Nhyira nka Yehowa din+Firi nnɛ kɔsi daa.+ 3 Monyi Yehowa din ayɛ+Firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ.+ 4 Yehowa yɛ ɔsorosoroni wɔ aman nyinaa so;+N’animuonyam tra ɔsoro.+ 5 Hwan na ɔte sɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn,+Deɛ ɔte ɔsorosoro no?+ 6 Ɔbrɛ ne ho ase hwɛ ɔsoro ne asase so,+ 7 Na ɔma ɔbrɛfoɔ so firi mfuturo mu;+Ɔma ohiani so firi sumina so,+ 8 Na ɔma no tena atitire mu,+Ne nkurɔfoɔ mu atitire mu.+ 9 Ɔma obonini nya fie tena mu+Sɛ́ ɔbaatan a ɔwɔ anigyeɛ.+Monyi Yah ayɛ!+