Luka
17 Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Deɛ ɛbɛyɛ biara suntiduatoɔ bɛba.+ Nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue!+ 2 Anka ɛyɛ ma no sɛ wɔde oyuyammoɔ bɛsɛn ne kɔn mu akɔto no ato po mu,+ sene sɛ ɔbɛto nketewa yi mu baako suntidua.+ 3 Momma mo ani mmra mo ho so. Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a ka n’anim,+ na sɛ ɔnu ne ho a fa firi no.+ 4 Sɛ mpo ɔyɛ wo bɔne mprɛ nson da koro na ɔsan ba wo nkyɛn mprɛ nson bɛka sɛ, ‘Manu me ho’ a, fa firi no.”+
5 Na asomafoɔ no ka kyerɛɛ Awurade sɛ: “Ma yɛn gyidie nyɛ kɛse.”+ 6 Na Awurade kaa sɛ: “Sɛ mowɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba a, anka mobɛka akyerɛ saa sikamino dua yi sɛ, ‘Tutu na kɔsi po mu!’ na anka ɛbɛtie mo.+
7 “Mo mu hwan na ɔwɔ akoa a ɔrefuntum asase anaasɛ ɔrehwɛ mmoa, na sɛ ɔfiri afuo mu ba a ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛ ntɛm bra bɛtena didipono ho’? 8 Mmom no, ɔrenka nkyerɛ no sɛ, ‘Siesie biribi ma menni anwummerɛ yi, na bɔ wo ho so som me kɔsi sɛ mɛdidi anom awie, na ɛno akyi no wobɛtumi adidi anom’? 9 Ɔbɛda akoa no ase sɛ wayɛ deɛ wahyɛ no no anaa? 10 Enti mo nso, sɛ moyɛ deɛ wɔahyɛ mo nyinaa wie a, monka sɛ, ‘Yɛyɛ nkoa a mfasoɔ nni yɛn soɔ.+ Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara na yɛayɛ no.’”
11 Na ɛbaa sɛ ɔrekɔ Yerusalem no ɔfaa Samaria ne Galilea.+ 12 Na ɔreyɛ aduru akuraa bi ase no, mmarima akwatafoɔ du hunuu no,+ nanso wɔsɔre gyinaa akyirikyiri. 13 Na wɔmaa wɔn nne so kaa sɛ: “Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, hu yɛn mmɔbɔ!”+ 14 Na ɔhunuu wɔn no ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na momfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ no.”+ Na berɛ a wɔrekorɔ no wɔn ho firiiɛ.+ 15 Berɛ a wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho asan no no, ɔsan baeɛ de nne kɛseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.+ 16 Na ɔde n’anim butuu Yesu nan ase+ daa no ase; na ɔyɛ Samariani.+ 17 Yesu buaa sɛ: “Ɛnyɛ du na wɔn ho firiiɛ? Na nkron a aka no wɔ he? 18 Enti wɔanhunu wɔn mu biara a wasan n’akyi de animuonyam rebrɛ Onyankopɔn sɛ ɔbarima a ɔfiri ɔman foforɔ mu yi?” 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre na kɔ; wo gyidie ama wo ho asan wo.”+
20 Na berɛ a Farisifoɔ no bisaa no berɛ a Onyankopɔn ahennie bɛba no,+ ɔbuaa wɔn kaa sɛ: “Onyankopɔn ahennie no remma mma wɔnhunu no pefee, 21 na wɔrenka nso sɛ ‘Hwɛ ha!’ anaasɛ ‘Ɛhɔ!’+ Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ahennie no wɔ mo mfimfini.”+
22 Afei ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: “Nna bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mohunu onipa Ba no nna no mu baako nanso morenhunu.+ 23 Na nnipa bɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Monhwɛ hɔ!’+ anaasɛ ‘Monhwɛ ha!’ Monnkɔ na monnni wɔn akyi.+ 24 Na sɛdeɛ anyinam+ ma ne hann hyerɛn firi ɔsoro ase fã bi kɔ ɔsoro ase fã foforɔ no, saa ara na onipa Ba+ no bɛyɛ. 25 Nanso deɛ ɛdi kan no, ɛsɛ sɛ ɔhunu amane bebree na awoɔ ntoatoasoɔ yi po no.+ 26 Bio nso, sɛdeɛ ɛyɛɛ Noa nna no mu no,+ saa ara na ɛbɛyɛ onipa Ba no nna no nso mu:+ 27 na wɔdidiiɛ, wɔnomeeɛ, mmarima warewareeɛ, wɔde mmaa memaa awareɛ, kɔsii da a Noa kɔhyɛn adaka no mu na nsuyire no ba bɛsɛee wɔn nyinaa no.+ 28 Saa ara na ɛyɛɛ wɔ Lot nna no mu:+ wɔdidiiɛ, wɔnomeeɛ, wɔtɔeɛ, wɔtɔneeɛ, wɔduaeɛ, wɔsisii adan. 29 Na da a Lot firii Sodom no, egya ne sɔfe tɔ firii soro bɛsɛee wɔn nyinaa.+ 30 Saa ara na ɛbɛyɛ da a wɔbɛyi onipa Ba no adie no.+
31 “Saa da no, mma onipa a ɔwɔ ɛdan atifi a ne nneɛma wɔ fie hɔ no nnsi fam mmmɛfa, na onipa a ɔwɔ afuo mu no, mma ɔno nso nnsan mmmɛfa nneɛma a ɛwɔ akyire no. 32 Monkae Lot yere no.+ 33 Obiara a ɔhwehwɛ sɛ ɔbɛkora ne kra soɔ no, ɔbɛhwere, na obiara a ɔbɛhwere no bɛkora so.+ 34 Mese mo sɛ, saa anadwo no mmarima mmienu bɛda mpa baako so; wɔbɛfa baako akɔ na wɔagya deɛ ɔka ne ho no.+ 35 Mmaa mmienu bɛyam adeɛ wɔ oyuyammoɔ koro so; wɔbɛfa baako akɔ na wɔagya deɛ ɔka ne ho no.”+ 36 —— 37 Enti wɔbuaa no sɛ: “Awurade, ɛhe?” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ afunu wɔ no,+ ɛhɔ ara nso na akɔdeɛ bɛboa wɔn ho ano.”+