1 Samuel
29 Filistifoɔ+ no boaboaa wɔn asraafoɔdɔm nyinaa ano wɔ Afek, na Israelfoɔ nso kyeree nsraban wɔ nsuo aniwa a ɛwɔ Yesreel+ no ho. 2 Na Filistifoɔ ahemfo+ bɛtwaam, ɔha ha, ne apem apem, na Dawid nso ne ne mmarima kaa Akis+ ho dii akyire bɛtwaam. 3 Ɛnna Filistifoɔ akunini no bisaa sɛ: “Na Hebrifoɔ+ yi ɛ?” Na Akis ka kyerɛɛ Filistifoɔ akunini no sɛ: “Ɛnyɛ Israel hene Saul akoa Dawid a ɔne me atena ha afe anaa mfeɛ mmienu+ no nie? Ɛfiri da a ɔdane baa m’afã de bɛsi nnɛ, menhunuu+ adebɔne biara ne ho.” 4 Ɛnna Filistifoɔ akunini no bo fuu no, na Filistifoɔ akunini no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma ɔbarima no nsan nkɔ,+ ma no nsan nkɔ baabi a wode ama no no; mma no ne yɛn nnkɔ ɛko no na wansɔre antia+ yɛn ɛko no mu. Ɛdeɛn adeɛ na oyi de bɛnya ne wura anim animuonyam? Ɛnyɛ yɛn mmarima no tiri? 5 Ɛnyɛ oyi ne Dawid a wɔde asa bɔ gyee ne so sɛ, ‘Saul akum n’apem, na Dawid akum ne pedu’ no?”+
6 Ɛnna Akis+ frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ yi,+ wotene, na wo nkorɔeɛ ne wo mmaeɛ+ wɔ dɔm yi mu sɔ m’ani;+ ɛfiri da a wobaa ha de bɛsi nnɛ,+ menhunuu bɔne bi wo ho. Nanso ahemfo+ no ani so deɛ, wonyɛ. 7 Enti, san kɔ asomdwoeɛ mu na woanyɛ adebɔne biara Filistifoɔ ahemfo no ani so.” 8 Ɛnna Dawid bisaa Akis sɛ: “Adɛn, mayɛ dɛn,+ na ɛdeɛn na woahu no w’akoa ho firi da a mebaa w’anim bɛsi nnɛ+ a enti merentumi nkɔ ne me wura ɔhene atamfo nkɔko yi?” 9 Na Akis buaa Dawid sɛ: “Menim sɛ woyɛ wɔ m’ani so sɛ Onyankopɔn bɔfoɔ.+ Filistifoɔ akunini no na wɔse, ‘Mma no ne yɛn nnkɔ ɛko no.’ 10 Enti sɔre anɔpatutuutu, wo ne wo wura nkoa a wo ne wɔn baeɛ no; sɛ mosɔre ahemadakye na anim tete a, monkɔ.”+
11 Ɛnna Dawid ne ne mmarima no sɔree ntɛm anɔpa sɛ wɔresan akɔ+ Filistifoɔ asase so, na Filistifoɔ no deɛ, wɔforo kɔɔ Yesreel.+