Hesekiel
23 Yehowa ka kyerɛɛ me+ sɛ: 2 “Onipa ba, ná mmaa mmienu bi wɔ hɔ a wɔn nyinaa firi maame baako.+ 3 Na wɔbɔɔ adwaman wɔ Egypt,+ wɔn mmabaaberɛ mu pɛɛ.+ Ɛhɔ na wɔmiamiaa wɔn nufo+ na wɔgoroo wɔn kokom, wɔn mmaabunberɛ mu. 4 Panin no din de Ohola, na ne nua no de Oholiba, na wɔbɛyɛɛ me dea,+ na wɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.+ Edin Ohola no gyina hɔ ma Samaria,+ na Oholiba nso gyina hɔ ma Yerusalem.+
5 “Ohola firii m’akyi kɔbɔɔ adwaman,+ na ɔde akɔnnɔ anibereɛ kɔdii n’adɔfo+ Asiriafoɔ+ a na wɔbɛn no no akyi, 6 amradofoɔ a wɔfirafira ntoma bruu, ne asoafoɔ a wɔn nyinaa yɛ mmeranteɛ ahoɔfɛfoɔ, apɔnkɔsotefoɔ a wɔtete apɔnkɔ soɔ. 7 Na ɔne Asiria atitire nyinaa bɔɔ adwaman; na ɔde wɔn a ne kɔn dɔ wɔn nyinaa—wɔn abosom fĩ nyinaa—guu ne ho fĩ.+ 8 Wannyae n’adwamammɔ a ɔde firii Egypt no, ɛfiri sɛ wɔne no daa wɔ ne mmabaaberɛ mu, na wɔgoroo ne kokom, ne mmaabunberɛ mu; na wɔde wɔn adwamammɔ dwaree no.+ 9 Enti mede no hyɛɛ n’adɔfo nsa,+ Asiriafoɔ a ɔde akɔnnɔ anibereɛ dii wɔn akyi no.+ 10 Wɔn na wɔyii n’adagya so,+ na wɔfaa ne mma mmarima ne ne mma mmaa kɔeɛ,+ na ɔno nso, wɔde nkrantɛ kuu no. Ɔgyee dimmɔne wɔ mmaa mu, na wɔbuu no atɛn.
11 “Berɛ a ne nuabaa Oholiba hunuiɛ no,+ n’akɔnnɔ bɔne no bɛyɛɛ hu senee no, na na n’adwamammɔ no sene ne nua no deɛ koraa.+ 12 Ɔde akɔnnɔ bɔne dii Asiriafoɔ akyi,+ amradofoɔ ne asoafoɔ a na wɔbɛn wɔn, wɔn a wɔfirafira ntoma pa, apɔnkɔsotefoɔ a wɔn nyinaa yɛ mmeranteɛ ahoɔfɛfoɔ.+ 13 Berɛ a ɔguu ne ho fĩ no, mehunuu sɛ wɔn nyinaa nam kwan korɔ so.+ 14 Afei n’adwamammɔ no yɛɛ kɛse koraa berɛ a ɔhunuu nnipa a wɔayɛ wɔn mfonini agu ɔfasuo ho,+ Kaldeafoɔ ahoni+ a wɔde adukɔkɔɔ+ ayɛ no. 15 Ná wɔde abɔsoɔ+ akyekyere wɔn asene bobɔ abotire atenten. Wɔn nyinaa te sɛ akofofoɔ, te sɛ Babilonfoɔ a wɔn ase firi Kaldea asase soɔ. 16 N’ani bɔɔ wɔn soɔ no, wɔn ho akɔnnɔ dɛree ne mu,+ na ɔtuu abɔfoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ Kaldea.+ 17 Babilonfoɔ baa ne nkyɛn wɔ ne dɔ mpa so, na wɔde wɔn adwamammɔ guu ne ho fĩ.+ Afei berɛ a wɔkɔɔ so guu ne ho fĩ no, wɔn ho fonoo no, na ne kra twee ne ho.
18 “Ɔyii n’adagya so maa n’adwamammɔ ho daa hɔ,+ enti ne ho yɛɛ me abofono na me kra twee ne ho sɛdeɛ ne nuabaa ho yɛɛ me abofono na me kra twee ne ho no.+ 19 Ɔkɔɔ so ara bɔɔ adwaman+ maa wɔkaee ne mmabaaberɛ mu+ adwamammɔ wɔ Egypt asase so.+ 20 Na akɔnnɔ dondɔn no te sɛ mmaa a wɔn mpenafoɔ dua te sɛ mfunumu dua na wɔn barima te sɛ apɔnkɔnini deɛ no.+ 21 Wo kɔn dɔɔ wo mmabaaberɛ mu ahohwibra firi berɛ a na wowɔ Egypt,+ sɛdeɛ wɔgoroo wo kokom no, wo mmabaaberɛ mu nufoɔ nti.+
22 “O Oholiba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mɛma w’adɔfo a wo kra atwe ne ho afiri wɔn ho no aba wo so;+ mede wɔn bɛba wo so wɔ afã nyinaa,+ 23 Babilonfoɔ+ ne Kaldeafoɔ+ nyinaa, ne Pekod+ ne Soa ne Koa mmarima, ne Asiriafoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa, mmarima ahoɔfɛfoɔ, amradofoɔ ne asoafoɔ nyinaa, akofofoɔ ne wɔn a wɔafrɛ wɔn, a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ. 24 Nteaseɛnam ne ntwahonan+ ne asafodɔm ne akyɛm akɛseɛ ne nketewa ne dadeɛ kyɛ na wɔde bɛba wo soɔ. Na wɔbɛtwa wo ho nyinaa ahyia, na mɛma wɔabu wo atɛn sɛdeɛ wɔn atemmuo teɛ.+ 25 Mɛma m’ani abere wo so,+ na wɔne wo bɛdi no abufuo so.+ Wɔbɛtwa wo hwene ne w’aso, na wo fã a ɛbɛka no bɛtɔ nkrantɛ ano. Wɔbɛfa+ wo mma mmarima ne wo mma mmaa+ akɔ, na wɔde gya bɛhye wo nneɛma a ɛbɛka nyinaa.+ 26 Wɔbɛworɔ wo ntadeɛ+ na wɔafa w’agudeɛ fɛfɛ no akɔ.+ 27 Na mɛma w’ahohwibra to atwa,+ w’adwamammɔ a wode firi Egypt baeɛ no.+ Na woremma w’ani so nhwɛ wɔn, na worenkae Egypt bio.’
28 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mede wo bɛhyɛ wɔn a wotan wɔn no nsa, wɔn a wo kra atwe ne ho afiri wɔn ho no nsa.+ 29 Wɔne wo bɛdi no ɔtan so na wɔafa deɛ woabrɛ anya nyinaa, na wɔbɛgya wo adagya, kwaterekwa.+ W’adwamammɔ mu adagya bɛda adi na w’ahohwibra ne wo brasɛeɛ ho ada hɔ.+ 30 Yei na wɔde bɛyɛ woɔ ɛfiri sɛ woyɛɛ wo ho odwamanfoɔ dii amanaman no akyi,+ na wode wɔn abosom fĩ guu wo ho fĩ.+ 31 Wofaa wo nuabaa no kwan so;+ enti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsam.’+
32 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Wobɛnom wo nuabaa no kuruwa a emu dɔ na ɛtrɛ no ano.+ Na wɔbɛsere wo adi wo ho fɛ, ɛfiri sɛ kuruwa no mu nneɛma dɔɔso.+ 33 Nsãborɔ ne awerɛhoɔ bɛhyɛ wo mã, na wobɛnom ahodwiri ne ɔsɛeɛ kuruwa ano, wo nuabaa Samaria kuruwa no. 34 Wobɛnom afefe mu ama no asa,+ na wobɛwe ne nkyɛmferɛ na woatete wo nufo.+ “Me na maka,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.’
35 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ wo werɛ afiri me+ na woato me atwene w’akyi+ nti, w’ahohwibra ne w’adwamammɔ bɛbua wo tiri so.’”
36 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, wobɛbu Ohola ne Oholiba+ atɛn+ aka wɔn abofonodeɛ akyerɛ wɔn anaa?+ 37 Wɔasɛe awareɛ,+ na mogya wɔ wɔn nsam;+ wɔde wɔn abosom fĩ na asɛe awareɛ.+ Afei nso, wɔde wɔn mma a wɔawo wɔn ama me no afa gya mu ama wɔn sɛ aduane.+ 38 Nanso deɛ ɛsene saa no, deɛ wɔde yɛɛ me nie: Wɔguu me kronkronbea+ hɔ fĩ+ saa da no, na wɔhuraa me homeda ho.+ 39 Na berɛ a wɔkunkum wɔn mma maa wɔn abosom fĩ+ no wieeɛ no, wɔsan baa me kronkronbea hɔ saa da no bɛhuraa ho.+ Hwɛ, saa na wɔayɛ no me fie mfimfini pɛɛ.+ 40 Afei berɛ a wɔtuu abɔfoɔ kɔɔ mmarima a wɔwɔ akyirikyiri nkyɛn no,+ wɔbaeɛ,+ na wɔn nti wodware+ kekaa w’ani akyi,+ na wode agudeɛ hyehyɛɛ wo ho.+ 41 Wotenaa mpa fɛfɛ so,+ na wosiesiee ɛpono de sii ho,+ na wode m’aduhwam+ ne me ngo sisii so.+ 42 Afei wɔtee nnipa pii a wɔn ho adwo wɔn nne wɔ hɔ,+ na wɔde asabofoɔ+ firii serɛ so bɛkaa nnipadɔm no mu mmarima ho, na wɔde nkapo guu mmaa no nsa de abotire fɛfɛ bobɔɔ wɔn ti.+
43 “Na mekaa deɛ awaresɛeɛ+ ama wagoɔ no ho asɛm sɛ, ‘Ɔbɛkɔ so ara abɔ adwaman, seesei mpo.’+ 44 Na wɔbaa ne nkyɛn sɛdeɛ obi kɔ ɔbaa dwamanfoɔ nkyɛn; saa kwan no so na wɔbaa mmaa ahohwifoɔ Ohola ne Oholiba nkyɛn.+ 45 Na mmarima a wɔtene+ no de awaresɛefoɔ atemmuo+ ne mmaa mogyapɛfoɔ atemmuo bɛbu no atɛn,+ ɛfiri sɛ wɔyɛ mmaa awaresɛefoɔ, na mogya wɔ wɔn nsam.+
46 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mɛma asafo bi aba wɔn so,+ na wɔbɛma wɔn ho ayɛ hu na wɔafa wɔn sɛ asadeɛ.+ 47 Na asafo no bɛsi wɔn aboɔ+ de nkrantɛ atwa wɔn atwene. Wɔbɛkunkum wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa+ de gya ahye wɔn afie.+ 48 Afei mɛtu ahohwibra+ ase afiri asase no so,+ na mmaa nyinaa bɛsua biribi afiri mu na wɔammɔ mo ahohwibra no bi.+ 49 Na wɔde mo ahohwibra bɛgu mo tiri so+ na moasoa mo abosom fĩ no bɔne, na mobɛhunu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.’”+